Publicidade

Salmos 37

Dawid dwom.

1 Nha wo ho nnebɔneyɛfoɔ nti;

mma wʼani mmere wɔn a wɔyɛ bɔne;

2 Wɔte ɛserɛ, ɛnkyɛre na ahye,

wɔte dua mono, ɛnkyɛre na awu.

3 Fa wo ho to Awurade so na papa.

Tena asase no so na ma wʼani nka asomdwoeɛ adidibea .

4 Ma wʼani nka Awurade ho

na woama wo deɛ wʼakoma .

5 Fa wʼakwan hyɛ Awurade nsam;

na fa wo ho to ne so, na ɔno na ɔbɛyɛ:

6 ɔbɛma wo teneneeyɛ ahyerɛn adekyeeɛ,

na wʼatɛntenenee ayɛ owigyinaeɛ.

7 komm Awurade anim na to wo bo ase twɛn no,

nha wo ho wɔn a asi wɔn yie ho

ɛfiri wɔnam bɔne akwan so.

8 Mma wo bo mfu, na gyae abufuhyeɛ;

nha wo ho, ɛkɔwie bɔne nko ara.

9 Wɔbɛtwa nnebɔneyɛfoɔ agu,

nanso wɔn a wɔn ani da Awurade soɔ no,

wɔbɛnya asase no adi so.

10 Ɛrenkyɛre, nnebɔneyɛfoɔ bɛyera.

Wɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso wɔrenhunu wɔn.

11 Nanso ahobrɛasefoɔ bɛnya asase no adi so

na wɔanya asomdwoeɛ mmorosoɔ.

12 Amumuyɛfoɔ bɔne tia ateneneefoɔ

na wɔtwɛre wɔn se gu wɔn so;

13 nanso, Awurade sere amumuyɛfoɔ,

na ɔnim wɔn nna abɛn.

14 Amumuyɛfoɔ twe akofena

na wɔkuntunu wɔn tadua mu

wɔbɛkum ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ,

wɔbɛkum wɔn a wɔn akwan tene.

15 Nanso, wɔn akofena bɛwowɔ wɔn ankasa akoma mu,

na wɔn tadua mu abubu.

16 Kakra a ateneneefoɔ no som bo

sene amumuyɛfoɔ bebree ahonya;

17 ɛfiri , amumuyɛfoɔ ahoɔden bɛsa

nanso Awurade bɛwowa ateneneefoɔ.

18 Awurade nim wɔn a wɔn ho nni asɛm no nna,

na wɔn agyapadeɛ bɛtena daa.

19 Ahohiahia berɛ mu wɔremmrɛ.

Ɛkɔm berɛ mu wɔbɛnya ma abu so.

20 Nanso, amumuyɛfoɔ bɛyera.

Awurade atamfoɔ bɛyɛ te wiram nhwiren;

wɔbɛtu ayera wisie.

21 Amumuyɛfoɔ bosea, na wɔntua,

nanso ɔteneneeni de ahummɔborɔ ma;

22 Wɔn a Awurade ahyira wɔn no bɛnya asase no adi so,

na wɔn a ɔdome wɔn no wɔbɛtwa wɔn agu.

23 Awurade ani onipa akwan a,

ɔma nʼanammɔntuo si pi.

24 ɔsunti a ɔrenhwe ase,

ɛfiri Awurade kura no ne nsam.

25 Na meyɛ aberanteɛ, na seesei mabɔ akɔkoraa,

na menhunuu ɔteneneeni a Awurade apa nʼakyi

anaasɛ ne mma resrɛ aduane.

26 Ɛberɛ biara ɔyɛ adɔeɛ, na ɔde fɛm kwa;

na ne mma bɛnya nhyira.

27 Twe wo ho firi bɔne ho na papa

na wobɛtena asase no so afebɔɔ.

28 Ɛfiri , Awurade deɛ ɛtene,

na ɔrennya ne nkurɔfoɔ nokwafoɔ no.

Wɔbɛnya banbɔ daa nyinaa

Nanso, amumuyɛfoɔ asefoɔ deɛ, wɔbɛtwa wɔn agu.

29 Ateneneefoɔ bɛnya asase no adi so

na wɔatena so afebɔɔ.

30 Ɔteneneeni ano ka nyansasɛm,

na ne tɛkrɛma ka deɛ ɛtene.

31 Ne Onyankopɔn mmara nʼakoma mu;

ne nan nnwatiri.

32 Amumuyɛfoɔ tetɛ ateneneefoɔ

hwehwɛ wɔbɛkum wɔn,

33 nanso, Awurade nnyaa wɔn mma wɔn

na ɔremma wɔmmu wɔn kumfɔ asɛnniiɛ.

34 Montwɛn Awurade

na monhwɛ nʼakwan.

Ɔbɛma mo so na moanya asase no adi so;

wɔtwitwa amumuyɛfoɔ no gu a, mobɛhunu.

35 Mahunu omumuyɛfoɔ a ɔyɛ basabasa

ɔredi yie dua mono a ɛsi asase pa soɔ,

36 nanso ankyɛre na ɛwuiɛ a wɔnhunu no bio;

mehwehwɛɛ no, nanso manhunu no.

37 Susu deɛ ɔyɛ ho, na hwɛ deɛ ɔtene;

na asomdwoeɛ onipa bɛnya asetena pa daakye.

38 Nanso wɔbɛsɛe nnebɔneyɛfoɔ nyinaa;

na wɔbɛtɔre wɔn asefoɔ ase.

39 Ateneneefoɔ nkwagyeɛ firi Awurade

ɔne wɔn aban amanehunu berɛ mu.

40 Awurade boa wɔn na ɔgye wɔn;

ɔyi wɔn firi amumuyɛfoɔ nsam na ɔgye wɔn nkwa,

ɛfiri wɔhinta ne mu.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-