Publicidade

2 Samuel 23

Dawid Nsɛm A Ɛtwa Toɔ

1 Yei ne Dawid nsɛm a ɛtwaa toɔ:

"Dawid, Yisai ba barima a

Onyankopɔn maa no nkɔsoɔ a ɛyɛ nwanwa,

na Yakob Onyankopɔn sraa no ngo no,

ne nnwomsiaani papa bi nie:

2 "Awurade honhom kasa fa me mu;

ne nsɛm me tɛkrɛma so.

3 Israel Onyankopɔn kasaeɛ,

Israel botan ka kyerɛɛ me :

Onipa a ɔdi ɔhene tenenee mu,

na ɔde Nyamesuro di ɔhene no,

4 ɔte anɔpa hann,

ɔte owiapue a ɛhyerɛn ɛberɛ a omununkum nni ;

ɔte osutɔ a ɛma ahodwoɔ,

na ɛma ɛserɛ foforɔ pue firi asase mu.

5 "Ɛyɛ me fie na Onyankopɔn ayi.

Aane, ɔne me ayɛ apam a ɛwɔ daa.

Ne nhyehyɛeɛ afebɔɔ, ebi nni bio, na wɔasɔ ano.

Ɔbɛhwɛ me yiedie ne me nkɔsoɔ daa.

6 Na wɔn a wɔnnim Onyame no te nkasɛɛ a wɔbɛto aguo,

ɛfiri , wɔwowɔ nsa a ɛsɔ mu.

7 Ɛsɛ obi amia mu ansa na watwa wɔn agu;

wɔde ogya bɛhye wɔn dworobɛɛ."

Dawid Nnɔmmarima

8 Edin a ɛdidi soɔ yi Dawid nnɔmmarima:

Deɛ ɔdi ɛkan ne Yoseb-Basebet a ɔfiri Tahkemon, na ɔyɛ ɔsahene akofoɔ akɛseɛ Baasa bi so Dawid mmarima no mu. Ɔno na ɔde ne pea kumm atamfoɔ akofoɔ aha nwɔtwe ɔsa baako mu.

9 Deɛ ɔtɔ so mmienu Baasa no mu no ne Dodo babarima Eleasa a ɔyɛ Ahohi aseni. Ɛberɛ bi Eleasa ne Dawid ka boom, te gyinaeɛ, de tiaa Filistifoɔ ɛberɛ a Israel akodɔm no nyinaa adwane. 10 Ɔkunkumm Filistifoɔ no ara kɔsii afei, na ɔntumi mpagya ne pea. Nanso, Awurade maa no dii nkonim saa da no. Akodɔm a aka no ansane amma, kɔsii ɛberɛ a ɛsɛ wɔkɔtase wɔn asadeɛ no.

11 Deɛ ɔdi Sama a ɔyɛ Agee a ɔfiri Harar babarima. Ɛda koro bi, Filistifoɔ no boaa wɔn ho ano Lehi, na wɔto hyɛɛ Israelfoɔ no so asɛdua afuo bi mu. Israel akodɔm no dwaneeɛ, 12 nanso, Sama gyinaa ne nan so pintinn afuo no mfimfini, kaa Filistifoɔ no guiɛ. Enti, Awurade ma ɔdii nkonim.

13 Ɛberɛ bi, ɛduruu twaberɛ no a Dawid Adulam ɔbodan mu no, Filistia akodɔm bɛkyeree sraban Refaim bɔnhwa mu. Baasa no (a na wɔka Aduasa no ho no, wɔn a na wɔyɛ nimdefoɔ Dawid akofoɔ mu no) siane kɔhyiaa no . 14 Saa ɛberɛ no na Dawid te sraban mu a na Filistifoɔ akodɔm no fa bi nso akɔtena Betlehem. 15 Dawid daa nʼakɔnnɔ adi , "Ao, menya nsu pa a ɛwɔ Betlehem abura a ɛwɔ kuro no ɛpono no ano no bi a, mɛnom." 16 Enti, Baasa no bu faa Filistifoɔ no mu kɔsaa nsuo no bi firii abura no mu, de brɛɛ Dawid. Nanso, wannom. Mmom, ɔhwie guu Awurade anim. 17 Ɔteaam , "Awurade ma ɛmpare me mɛnom yei! Saa nsuo yi som bo te saa mmarima yi a wɔde wɔn nkwa too , kɔsaa nsuo yi brɛɛ me yi mogya." Enti, Dawid annom. Aninsɛm a Baasa no yɛeɛ nhwɛsoɔ bi nie.

Dawid Akofoɔ Akɛseɛ Aduasa

18 Na Yoab nua Seruia babarima Abisai nso dii Aduasa no anim. Ɛda bi, ɔde ne pea kumm atamfoɔ akofoɔ ahasa ɔsa baako mu. Saa mmaninsɛm yi enti na ɔgyee edin te Baasa no. 19 Abisai na ɔgyee edin pa ara Aduasa no mu. Ɛwom na ɔnka Baasa no ho deɛ, nanso na ɔno ne Aduasa no safohene.

20 Na Yehoiada babarima Benaia nso ɔkofoɔ kokodurufoɔ a ɔfiri Kabseel. Ɔdii aninsɛm bebree a ebi ne , ɔkumm Moab akofoɔ akɛseɛ baanu. Ɛberɛ bi nso, ɔtaa gyata, ma wɔkɔtɔɔ amena mu. Na sukyerɛmma atɔ, ama fam ayɛ toro deɛ, nanso ɔkyeree gyata no, kumm no. 21 Ɛberɛ bi nso, na akontibaa na ɛkura no, nanso ɔde kumm Misraimni ɔkofoɔ kɛseɛ bi a na ɔno kura pea. Benaia hwam pea no firii Misraimni no nsam, na ɔde kumm no. 22 Yeinom ne mmaninsɛm a ɛmaa Yehoiada babarima Benaia gyee edin te Baasa no. 23 Na ɔwɔ animuonyam sene wɔn a na wɔfra Aduasa no mu, nanso na ɔnka Baasa no ho. Na Dawid yɛɛ no nʼawɛmfoɔ no so ɔsahene.

24 Wɔn a aka a wɔfra Aduasa no mu nie:

Yoab nuabarima Asahel;

Dodo a ɔfiri Betlehem babarima Elhanan;

25 Sama a ɔfiri Harod;

Elika a ɔfiri Harod;

26 Heles a ɔfiri Palti;

Ira, Ikes a ɔfiri Tekoa babarima;

27 Abieser a ɔfiri Anatot;

Sibekai a ɔfiri Husa;

28 Salmon a ɔfiri Ahoa;

Maharai a ɔfiri Netofa;

29 Heleb, Baana a ɔfiri Netofa babarima;

Itai, Ribai a ɔfiri Gibea (Benyamin abusuakuo mu) babarima;

30 Benaia a ɔfiri Piraton;

Hidai a ɔfiri Nahale-Gaas;

31 Arbatini Abi-Albon;

Asmawet a ɔfiri Bahurim;

32 Eliahba a ɔfiri Saalbon;

Yaasen mmammarima;

33 Yonatan, Sama a ɔfiri Harar babarima;

Sarar, Ahiam a ɔfiri Maaka babarima;

34 Elifelet, Ahasbai a ɔfiri Maaka babarima;

Eliam, Ahitofel a ɔfiri Gilo babarima;

35 Hesro a ɔfiri Karmel;

Paarai a ɔfiri Arba;

36 Igal, Natan a ɔfiri Soba babarima;

Bani a ɔfiri Gad;

37 Selek a ɔfiri Amon;

Naharai a ɔfiri Beerot (Yoab akodeɛkurafoɔ);

38 Ira a ɔfiri Yitri;

Gareb a ɔfiri Yitri;

39 Hetini Uria.

Wɔn nyinaa dodoɔ aduasa nson.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-