Pular para o conteúdo
Publicidade

Morte

Por Bíblia Online

A morte é a realidade que todos enfrentam, mas para o cristão ela não é o fim. A Bíblia ensina que Cristo venceu a morte e nos dá a esperança da ressurreição e da vida eterna.

Cristo venceu a morte

Onde está, ó morte, o teu aguilhão? Cristo destruiu o poder da morte e nos deu a vitória pela ressurreição.

"Owuo, wo nkonim he?

Owuo, wo nwowɔeɛ he?"

Owuo nya ne tumi firi bɔne mu na bɔne nso nya ne tumi firi Mmara no mu. Nanso, yɛda Onyankopɔn a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so ma yɛn tumi no ase!

Ɔtamfoɔ a ɔtwa toɔ a ɔbɛdi ne so ne owuo.

Na sɛdeɛ owuo nam onipa so baeɛ no, saa ara nso na owusɔreɛ nam onipa so ba.

Owuo nam Adam so baa yɛn nyinaa so; saa ara nso na Kristo de nkwa brɛɛ yɛn nyinaa.

Nsɛm a ɛsɛ wode wo ho to so nie:

"yɛne no wuiɛ a,

yɛne no bɛtena ase.

Nhyira bebree nka wɔn a wɔdii ɛkan nyanee wɔn firii awufoɔ mu. Owuo a ɛtɔ so mmienu no nni wɔn so tumi. Wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfoɔ. Na wɔne no bɛdi ahene mfeɛ apem.

A esperança da vida eterna

Jesus disse: 'Eu sou a ressurreição e a vida.' Quem crê nele não está morto, mas apenas adormecido — e um dia despertará para a glória.

Yesu ka kyerɛɛ no , "Me na menyane awufoɔ ma wɔn nkwa. Obiara a ɔgye me di no, wawu mpo a, ɔbɛsane anya nkwa. Na obiara a ɔte ase na ɔgye me di no, renwu da. Wogye yei di anaa?"

Yesu ka kyerɛɛ no , "Me na menyane awufoɔ ma wɔn nkwa. Obiara a ɔgye me di no, wawu mpo a, ɔbɛsane anya nkwa. Na obiara a ɔte ase na ɔgye me di no, renwu da. Wogye yei di anaa?"

Me nnwan te me nne, me nso menim wɔn na wɔdi mʼakyi. Mema wɔn nkwa a ɛnni awieeɛ a wɔrenwu da, na obi rentumi nnye wɔn mfiri me nsam.

"Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ ewiase nie; ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no di no anyera, na mmom wanya nkwa a ɛnni awieeɛ.

Awurade Ba No

Anuanom, yɛpɛ yɛka nokorɛ a ɛfa wɔn a wɔawuwu no ho kyerɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, morenni ho awerɛhoɔ te wɔn a wɔnni anidasoɔ no. Yɛgye di Yesu wuiɛ, na ɔsɔree bio. Enti Onyankopɔn de Yesu ba bio a, ɔde wɔn a wɔnyaa ne mu gyidie ansa na wɔrewuo no bɛka ne ho aba.

Awurade no ankasa de ɔhyɛ a ano den, ɔbɔfoɔ panin nteamu ne Onyankopɔn totorobɛnto nnyegyeeɛ firi ɔsoro bɛba fam. Wɔn a wɔawuwu Kristo mu no bɛsɔre kane, na wɔaboaboa yɛn a yɛte ase ɛberɛ no ne wɔn a wɔasɔre no ano omununkum mu ahyia Awurade ewiem. Na saa na yɛne Awurade bɛtena daa.

Não temas a morte

Não temas os que matam o corpo. Para o cristão, viver é Cristo e morrer é lucro. O vale da sombra da morte não assusta quem caminha com o Pastor.

Monnsuro wɔn a wɔbɛtumi akum mo onipadua nanso wɔrentumi nkum mo kra no. Onyankopɔn a ɔbɛtumi akum onipadua no ne ɔkra amanehunu kurom no nko ara na monsuro no.

Na obiara a ɔpɛ ɔgye ne ɔkra nkwa no, ɛbɛfiri ne nsa, na obiara a me enti, ne ɔkra bɛfiri ne nsa no, ne nsa bɛsane aka.

Me deɛ, Kristo enti na mete ase; na mpo, owuo me mfasoɔ.

Yei adi me aniani. na mepɛ metu firi ewiase ne Kristo kɔtena, ɛfiri , ɛno mmom na ɛyɛ; nanso mo enti, mete ase nso a, anka ɛyɛ.

Yɛn deɛ, yɛyɛ ɔsoro mma na yɛde ahosɛpɛ twɛn yɛn Agyenkwa a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔfiri ɔsoro bɛba no. Ɔnam tumi a ɛtumi ma biribiara hyɛ nʼase no so bɛsakra yɛn onipadua a ɛyɛ mmerɛ na ɛwu no, na wayɛ no ne deɛ a ɛwɔ animuonyam no.

menam

owuo sum kabii mu mpo a,

mensuro bɔne bi,

ɛfiri , wo ne me na ɛwɔ ;

wʼabaa ne wo poma

na ɛkyekyere me werɛ.

menam

owuo sum kabii mu mpo a,

mensuro bɔne bi,

ɛfiri , wo ne me na ɛwɔ ;

wʼabaa ne wo poma

na ɛkyekyere me werɛ.

yɛte ase a yɛte ase ma Awurade; na yɛwu a, yɛwu ma Awurade. Enti, yɛte ase o, yɛwu o, yɛyɛ Awurade deɛ.

A eternidade nos aguarda

Deus enxugará toda lágrima. A morte será o último inimigo destruído. Para os salvos, a morte é a porta de entrada na presença eterna de Deus.

Metee nne denden bi firi ahennwa no so , "Afei, Onyankopɔn atenaeɛ nnipa mu. Ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne nkurɔfoɔ. Onyankopɔn no ankasa ne wɔn bɛtena na wayɛ wɔn Onyankopɔn. Na ɔbɛpepa wɔn aniwa mu nisuo nyinaa. Na owuo nni bio, na awerɛhoɔ ne osu ne yea nni bio. Na kane nneɛma no atwam."

Na ɔbɛpepa wɔn aniwa mu nisuo nyinaa. Na owuo nni bio, na awerɛhoɔ ne osu ne yea nni bio. Na kane nneɛma no atwam."

Ɛsɛ obiara wu prɛko , na ɛno akyi Onyankopɔn abu no atɛn.

Megye medi ampa owuo anaa nkwa anaa abɔfoɔ anaa atumfoɔ anaa nneɛma a ɛwɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi anaa ɔsoro anaa ɛfam anaa abɔdeɛ foforɔ biara rentumi ntete yɛne Onyankopɔn a ɛwɔ Kristo Yesu, yɛn Awurade, mu no mu da.

Na ɛbɛyɛ den obi bɛwu ama deɛ ɔyɛ onipa tenenee mpo, na deɛ ɔyɛ onipa pa no deɛ, ebia obi bɛsi ne bo awu ama no. Nanso, Onyankopɔn da ne adi yei mu ; ɛberɛ a yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ no, Kristo wu maa yɛn.

ɛnam onipa baako bɔne so ɛna owuo dii ɔhene a, ɛnneɛ wɔn a wɔnya adom mmorosoɔ ne tenenee akyɛdeɛ no nam onipa baako a ɔne Yesu Kristo so bɛdi hene nkwa mu.

Na bɔne so akatua owuo, nanso Onyankopɔn akyɛdeɛ nkwa a ɛnni awieeɛ, Kristo Yesu yɛn AWURADE mu.

A morte na perspectiva bíblica

Há tempo de nascer e tempo de morrer. A morte é realidade humana, mas Deus é Senhor tanto dos vivos quanto dos mortos.

Nimdeɛ

Edin pa sene aduhwam papa,

na owuda sene awoda.

Wɔn a wɔnante tee no

wɔhyɛne asomdwoeɛ mu;

wɔnya ahomegyeɛ ɛberɛ a wɔadeda awufoɔ.

Nnipa a wɔnam sum mu

ahunu hann kɛseɛ;

wɔn a wɔte asase a ɛso sum kabii soɔ no,

hann bi apue wɔn so.

nanso wonni ho ɛkwan wodi papa ne bɔnehunu dua no so aba. Ɛda a wobɛdie no, deɛ ɛbɛyɛ biara, wobɛwu."

Hwan na ɔbɛtena ase a ɔrenwu da?

Anaasɛ hwan na ɔbɛtumi agye ne ho afiri owuo tumi nsam?

Ɛhe na mɛtumi afiri wo honhom anim akorɔ?

Ɛhe na mɛtumi adwane afiri wʼanim akorɔ?

meforo soro a, wowɔ .

Na mekɔsɛ me kɛtɛ asaman a, wo nie.

Fa me to wʼakoma so nsɔanodeɛ,

nsɔanodeɛ wʼabasa so,

ɛfiri ɔdɔ ano den owuo,

ne ninkunutweɛ tim damena.

Ɛhyehye ogyadɛreɛ,

ogyaframa a ano den pa ara.

"Ɛrenkyɛre biara mɛwu, sɛdeɛ obiara korɔ no. Mo akoma mu no monim ɛbɔ biara a Awurade, mo Onyankopɔn hyɛeɛ no aba mu. Bɔhyɛ no mu biara nni a amma mu!

Mʼani nnye obiara owuo ho, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ. Monsakra mo adwene na moanya nkwa!

Yesu teaam denden , "Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ!" Ɔkaa yei no, ɔgyaa mu.

Ɔdefoɔ no asaman a ne ho yera no no, ɔmaa nʼani so hunuu Lasaro ɔte Abraham nkyɛn. Ɔdefoɔ no teaam , Agya Abraham, mesrɛ wo, hunu me mmɔbɔ na soma Lasaro na ɔmfa ne nsateaa ano nkɔbɔ nsuo mu mfa mmɛsɔ me tɛkrɛma so, na me ho yera me.

Na akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne, na bɔne no nyini a ɛwo owuo.

Seja o primeiro