Publicidade

Apocalipse 21

Ɔsoro Foforɔ Ne Asase Foforɔ

1 Afei, mehunuu ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ, na kane ɔsoro ne kane asase no atwam, na ɛpo nso nni bio. 2 Na mehunuu Kuro Kronkron a ɛyɛ Yerusalem foforɔ ɛfiri Onyankopɔn ɔsoro reba fam, a wasiesie ne ho te ayeforɔ a ɔrekɔhyia ne kunu. 3 Metee nne denden bi firi ahennwa no so , "Afei, Onyankopɔn atenaeɛ nnipa mu. Ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne nkurɔfoɔ. Onyankopɔn no ankasa ne wɔn bɛtena na wayɛ wɔn Onyankopɔn. 4 Na ɔbɛpepa wɔn aniwa mu nisuo nyinaa. Na owuo nni bio, na awerɛhoɔ ne osu ne yea nni bio. Na kane nneɛma no atwam."

5 Afei, deɛ ɔte ahennwa no so no kaa , "Afei, mereyɛ nneɛma nyinaa foforɔ!" Ɔka kyerɛɛ me nso , "Twerɛ yei, ɛfiri , saa nsɛm yi nokorɛ a wɔde wɔn ho to so."

6 Na ɔka kyerɛɛ me , "Wɔawie! Me ne Alfa ne Omega, Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ no. Obiara a sukɔm de no no, mɛma no nsuo a ɛfiri nkwa asutire mu anom kwa. 7 Obiara a ɔbɛdi nkonim no bɛnya yei afiri me nkyɛn. Mɛyɛ ne Onyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ba. 8 Nanso, ahufoɔ ne wɔn a wɔnnye nni ne akyiwadeyɛfoɔ ne awudifoɔ ne adwamanfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ nyinaa bɛnya wɔn kyɛfa ɔtadeɛ a ogya ne sɔfe dɛre mu no. Ɛno ne owuprenu no."

Yerusalem Foforɔ No

9 Abɔfoɔ baason a wɔkurakura nkuruwa nson a ɔhaw nson a ɛtwa toɔ no ahyɛ ma mu baako baa me nkyɛn bɛkaa , "Bra, na mɛkyerɛ wo Ayeforɔ a ɔyɛ Odwammaa no yere no." 10 Honhom no faa me, na ɔbɔfoɔ no de me kɔɔ bepɔ tenten bi atifi. Ɔkyerɛɛ me Yerusalem, Kuro Kronkron a ɛfiri ɔsoro, Onyankopɔn , resiane aba fam. 11 Ɛhyerɛn Onyankopɔn animuonyam mu, na ne hyerɛn no te aboɔdenboɔ a ɛsɛ ahwehwɛboɔ a ani te ahwehwɛ. 12 Na ne ɔfasuo no ahoɔden na ɛware yie nso. Apono dumienu gu ano a, abɔfoɔ dumienu na wɔhwɛ so. Na ɛpono biara so no wɔatwerɛ Israel mmusuakuo dumienu no mu baako din. 13 Apono mmiɛnsa apueeɛ; mmiɛnsa anafoɔ; mmiɛnsa atifi ɛnna mmiɛnsa atɔeɛ. 14 Wɔsii kuro no afasuo sii aboɔ dumienu a wɔatwerɛ Odwammaa no asomafoɔ dumienu no din so no so.

15 Ɔbɔfoɔ a ɔkasa kyerɛɛ me no kura sikakɔkɔɔ poma susudua a wɔde bɛsusu kuro no, nʼapono ne nʼafasuo. 16 Na kuro no ahinanan a ne tenten ne ne trɛ . Ɔbɔfoɔ no de ne susudua no susuu kuro no. Na ne tenten kilomita mpem mmienu ne ahanan (2,400), na ne tɛtrɛtɛ, ne ɔsorokɔ ne ne tenten nyinaa . 17 Ɔbɔfoɔ no susuu ɔfasuo no nso a na ne ɔsorokɔ nso bɛyɛ mita aduosia. 18 Ahwehwɛboɔ na ɔde too afasuo no. Na kuro no deɛ, sikakɔkɔɔ amapa a ɛhyerɛn te ahwehwɛ na wɔde toeɛ. 19 Wɔde aboɔdenboɔ ahodoɔ a ɛyɛ na ɛhyehyɛɛ kuro no fapem. Fapem a ɛdi ɛkan ahwehwɛboɔ. Fapem a ɛtɔ so mmienu aboɔdemmoɔ. Fapem a ɛtɔ so mmiɛnsa omununkumboɔ. Fapem a ɛtɔ so ɛnan ahahammonoboɔ. 20 Fapem a ɛtɔ so enum ɛtɔnboɔ. Fapem a ɛtɔ so nsia bogyanamboɔ. Fapem a ɛtɔ so nson sikabereɛboɔ. Fapem a ɛtɔ so nwɔtwe apopobibirieboɔ. Fapem a ɛtɔ so nkron akraateboɔ. Fapem a ɛtɔ so edu dɛnkyɛmmoɔ. Fapem a ɛtɔ so dubaako wisiboɔ. Fapem a ɛtɔ so dumienu beredumboɔ. 21 Na wɔde nhwene pa dumienu na ɛyɛɛ apono dumienu no. Apono no mu biara, wɔde ahene pa baako na ɛyɛeɛ. Na kuro no abɔntene kɛseɛ sika amapa kronn a ɛte ahwehwɛ.

22 Na manhunu asɔredan kuro no mu baabiara ɛfiri , Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ ne Odwammaa no ne asɔredan. 23 Na owia anaa ɔsrane hann nhia kuro no ɛfiri , na Onyankopɔn ne Odwammaa no animuonyam hyerɛn . 24 Ne hann no bɛhyerɛn asase so aman nyinaa so, na asase so aman so ahene de wɔn ahodeɛ bɛba . 25 Wɔntoto kuro no apono mu. Ɛda biara ano da . Ɛfiri , esum nnuru . 26 Wɔde aman no kɛseyɛ ne wɔn ahonya bɛba kuro no mu. 27 Nanso, biribiara a ɛho nte nkɔ kuro no mu. Saa ara na obi a ɔyɛ aniwudeɛ anaa ɔtwa atorɔ nkɔ mu. Wɔn a wɔatwerɛ wɔn din ahyɛ Odwammaa no nkwa nwoma no mu no nko ara na wɔbɛkɔ kuro no mu.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-