Publicidade

Lucas 16

Efie Sohwɛfoɔ Okontomponi No

1 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no , "Ɔdefoɔ bi a na ɔwɔ efie sohwɛfoɔ bi. Ɔdefoɔ yi tetee ne efie sohwɛfoɔ no resɛe ne nneɛma. 2 Ɔtee saa asɛm yi no, ɔfrɛɛ ne efie sohwɛfoɔ no ka kyerɛɛ no , Ɛdeɛn na metete fa wo ho yi? Bɛbu wʼadwuma ho nkonta kyerɛ me na merentumi ne wo nyɛ adwuma bio.

3 "Efie sohwɛfoɔ no kaa ne tirim , Menyɛ ɛdeɛn ni? Ɛnnɛ a wɔrepam me afiri efie ha yi, ɛhe na mɛfa? Menni ahoɔden a mede bɛdɔ, ɛnna mefɛre nso mɛsrɛsrɛ adeɛ. 4 Menim deɛ mɛyɛ a ɛbɛma wɔn a wɔdede me wura aka no bɛhunu me mmɔbɔ.

5 "Enti, ɔfrɛfrɛɛ wɔn a wɔdede ne wura aka no mmaako mmaako. Ɔbisaa deɛ ɔdi ɛkan no , Ɛka ahe na wode me wura?

6 "Ɔbuaa , Mede ngo nhina aduonu ka.

"Enti, ɔka kyerɛɛ no , ntɛm tena ase na twam na twerɛ , wode ngo nhina edu ka.

7 "Ɛno akyi no, ɔfrɛɛ ɔfoforɔ bi nso bisaa no , Na wo nso, ɛka ahe na wode me wura?

"Ɔno nso buaa , Mede aburoo nkotokuo ɔha ka.

"Enti, ɔka kyerɛɛ no , Tena ase na twam na twerɛ , wode nkotokuo aduonum ka!

8 "Ɔdefoɔ no hunuu deɛ efie sohwɛfoɔ no yɛeɛ no akyi, nanso ɔnam fɛdie so kamfoo no nʼanifire no ho. Saa ara nso na ewiase yi mma susu wɔnim nyansa sene wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn akyidifoɔ no. 9 Na me nso mese mo , momfa ewiase ahonyadeɛ no bi nyɛ nnamfoɔ, na ɛsa a, wɔagye mo.

10 "Nanso deɛ ɔdi nokorɛ kakra bi ho no bɛdi nokorɛ pii ho; na deɛ ɔnni nokorɛ kakra bi ho no, rentumi nni nokorɛ pii ho. 11 moantumi anni nokorɛ ewiase nneɛma ho a, hwan na ɔde ɔsoro nnepa bɛhyɛ mo nsa? 12 moanni nokorɛ obi adeɛ bi a wɔde ahyɛ mo nsa no ho a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔde deɛ ɛsɛ ɛyɛ mo dea no bɛma mo?

13 "Ɔsomfoɔ biara rentumi nsom awuranom baanu, ɛfiri , ɔyɛ saa a, ɔbɛdɔ ɔbaako na watan ɔbaako anaasɛ, ɔbɛsom ɔbaako yie na wabu ɔbaako animtia. Morentumi nsom Onyankopɔn ne ahonyadeɛ."

14 Farisifoɔ sikaniberefoɔ no tee deɛ Yesu kaeɛ no, wɔdii ne ho fɛw. 15 Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Moyɛ nnipa a mobu mo ho ateneneefoɔ nnipa anim, nanso Onyankopɔn nim mo akoma mu. Na deɛ ɛsom bo nnipa ani so no akyiwadeɛ Onyankopɔn anim.

16 "Ansa na Yohane Osubɔni bɛba no, na Mose mmara ne adiyifoɔ no nsɛm no na modi so. Na Yohane Osubɔni baeɛ no, ɔbɛkaa Onyankopɔn Ahennie ho nsɛm kyerɛɛ mo, enti, nnipa repere wɔbɛkɔ saa Ahennie no mu. 17 Ɛyɛ mmerɛ ɔsoro ne asase bɛtwam sene mmara no mu nsensaneɛ ketewa baako mpo bɛyera.

18 "Obiara a ɔgyaa ne yere awadeɛ na ɔware ɔfoforɔ no adwaman; na deɛ ɔware ɔbaa biara a ne kunu agyaa no no nso, adwaman."

Ɔdefoɔ Bi Ne Lasaro

19 Yesu toaa so kaa , "Ɔdefoɔ bi tenaa ase a na daa ɔfira ntoma pa na ɔgye nʼani yie nso. 20 Na ɔbarima hiani bi a akuro atutu no a wɔfrɛ no Lasaro no nso da nʼaboboano. 21 Ɔbarima yi kɔn dɔɔ anka ɔbɛnya aduane a ɔdefoɔ no adi ama aka no bi adi. Saa ɛberɛ korɔ no ara mu na nkraman ba baabi a na ohiani no da no bɛtaferetafere nʼakuro no mu.

22 "Ohiani no wuiɛ maa abɔfoɔ bɛfaa no kɔtenaa Abraham nkyɛn. Ɔdefoɔ no nso wuiɛ ma wɔsiee no. 23 Ɔdefoɔ no asaman a ne ho yera no no, ɔmaa nʼani so hunuu Lasaro ɔte Abraham nkyɛn. 24 Ɔdefoɔ no teaam , Agya Abraham, mesrɛ wo, hunu me mmɔbɔ na soma Lasaro na ɔmfa ne nsateaa ano nkɔbɔ nsuo mu mfa mmɛsɔ me tɛkrɛma so, na me ho yera me.

25 "Abraham buaa no , Me ba, kae wote ewiase no, wodii na Lasaro dii yea, nanso afei na ɔredi ɛnna wo nso woredi yea. 26 Ɛnyɛ yei nko, ɛbɔn kɛseɛ da yɛn ne mo ntam a ɛno enti, wɔn a wɔpɛ wɔfiri ha ba mo nkyɛn ne wɔn a wɔpɛ wɔfiri mo nkyɛn ba ha no nso rentumi mma.

27 "Ɔdefoɔ no sane ka kyerɛɛ Abraham , Agya, mesrɛ wo, soma Lasaro mʼagya efie, 28 ɛfiri , mewɔ nuammarimanom baanum. Ma ɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn mu biara remma saa ahoyera yi mu bi.

29 "Abraham buaa no , Wɔwɔ nsɛm a Onyankopɔn nam Mose ne adiyifoɔ no so aka enti ma wɔntie na wɔnni so.

30 "Ɔdefoɔ yi kaa bio , Agya Abraham, deɛ woreka yi wom deɛ, nanso obi firi asaman ha kɔbɔ wɔn kɔkɔ deɛ a, wɔbɛnu wɔn ho.

31 "Abraham buaa , wɔantie deɛ Onyankopɔn nam Mose ne adiyifoɔ no so aka no a, saa ara nso na obi firi asaman ha kɔkasa kyerɛ wɔn a, wɔrentie no ara no no.’ "

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-