Mudança
A mudança é constante na vida, mas Deus é imutável. A Bíblia nos ensina a abraçar a transformação espiritual enquanto confiamos no Deus que é o mesmo ontem, hoje e sempre.
Deus é imutável
Jesus Cristo é o mesmo ontem, hoje e para sempre. Deus não muda — Ele é a rocha firme em meio às mudanças constantes da vida.
Yesu Kristo te saa ara nnora, ɛnnɛ ne daa nyinaa.
"Meyɛ Awurade a mennsakyera. Ɛno enti na mo Yakob asefoɔ, wɔnsɛee mo no.
Akyɛdeɛ pa ne akyɛdeɛ a ɛyɛ pɛ nyinaa firi ɔsoro; ɛfiri Onyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro hann no nkyɛn na ɛba. Ɔno na ɔnsesa sɛ sunsum.
Ɔsoro ne asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.
Transformação em Cristo
Se alguém está em Cristo, é nova criação. Somos transformados de glória em glória à imagem do Senhor pelo poder do Espírito.
Sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ, na nneɛma dada nyinaa atwam ama nneɛma foforɔ aba.
Yɛn a nkatanimu biara nkata yɛn anim no, Awurade animuonyam hyerɛn yɛn anim, na Awurade Honhom no sakra yɛn kɔ nʼanimuonyam mu.
Monnyɛ mo ho sɛ ewiasefoɔ wɔ mo abrabɔ mu, na mmom, momma Onyankopɔn nsakra mo adwene wɔ mo mu, na moanya adwene foforɔ, na ɛnam so ama moahunu Onyankopɔn apɛdeɛ, deɛ ɛyɛ, deɛ ɛsɔ nʼani ne deɛ ɛwie pɛyɛ.
Me nuanom, seesei yɛyɛ Onyankopɔn mma, nanso deɛ daakye yɛbɛyɛ deɛ, yɛnnim. Nanso, yɛnim sɛ Kristo ba a, yɛbɛyɛ te sɛ ɔno, ɛfiri sɛ, yɛbɛhunu no sɛdeɛ ɔteɛ.
Ɔnam tumi a ɛtumi ma biribiara hyɛ nʼase no so bɛsakra yɛn onipadua a ɛyɛ mmerɛ na ɛwu no, na wayɛ no sɛ ne deɛ a ɛwɔ animuonyam no.
Montie saa ahintasɛm yi: Yɛn nyinaa renwu, nanso ɛberɛ tiawa bi mu wɔbɛsakyera yɛn nyinaa; sɛ totorobɛnto a ɛtwa toɔ no bɔ a, nsakraeɛ no bɛyɛ anibueɛ. Sɛ ɛbɔ a, awufoɔ bɛdane ateasefoɔ na yɛn nyinaa bɛsakyera.
Arrependimento como mudança
Arrependei-vos, pois, e convertei-vos. O arrependimento é a mudança mais radical — da morte para a vida, do pecado para a graça.
Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakyera ampa.
Dabi, sɛ mo nso moannu mo ho a, wɔbɛkunkum mo saa ara.
Monnu mo ho na monni Onyankopɔn akyi, na ɔde mo bɔne akyɛ mo,
Tempos e ciclos
Para tudo há uma estação e um tempo para cada propósito debaixo do céu. Deus faz novas todas as coisas no tempo certo.
Biribiara wɔ ne berɛ,
na dwumadie biara a ɛwɔ ɔsoro ase wɔ ne berɛ.
Awoɔ ntoatoasoɔ ba na ɛkɔ,
nanso asase tim hɔ daa.
Owia pue na owia kɔtɔ,
na ɛyɛ ntɛm kɔ deɛ ɛpue firiiɛ hɔ.
Mframa bɔ kɔ anafoɔ fam
na ɛdane hwɛ atifi fam;
ɛkyinkyini kɔ baabiara
na ɛsane bɔ fa ne kwan so.
Nsubɔntene nyinaa tene kɔgu ɛpo mu,
nanso ɛpo nyɛ ma da.
Baabi a nsubɔntene no firie no
ɛhɔ na wɔsane kɔ bio.
Deɛ aba no bɛba bio,
deɛ wɔayɛ no, wɔbɛyɛ bio;
adeɛ foforɔ biara nni owia yi ase.
Biribi wɔ hɔ a wɔbɛtumi aka wɔ ho sɛ:
"Hwɛ! Yei yɛ ade foforɔ" anaa?
Ɛwɔ hɔ dada firi tete nteredee;
ɛwɔ hɔ ansa na wɔwoo yɛn.
Hwɛ, mereyɛ adeɛ foforɔ!
Seesei, ɛrepue, na monhunu anaa?
Merebɔ ɛkwan afa anweatam so
na mereyɛ nsuwansuwa wɔ asase wesee so.
Deɛ ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ mote aseɛ sɛ nna a ɛdi akyire no mu no, nnipa bi bɛba a wɔn ara wɔn honam akɔnnɔ na ɛbɛdi wɔn so. Wɔbɛdi mo ho fɛ aka sɛ, "Ɔhyɛɛ mo bɔ sɛ ɔbɛba. Wanka? Na ɔwɔ he? Yɛn agyanom awuwu dada, nanso biribiara te sɛ deɛ ɛte firi adebɔ mfitiaseɛ!" Wɔhyɛ da ma wɔn werɛ firi nokorɛ no sɛ, ɛfiri tete no, Onyankopɔn kasaeɛ na wɔbɔɔ ɔsoro ne asase. Wɔbɔɔ asase firi nsuo mu na wɔde nsuo na ɛyɛeɛ. Akyire no wɔde nsuyire bɛsɛee no. Nanso, Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔsoro ne asase ntena hɔ nkɔsi Atemmuo da. Afei wɔbɛsɔ emu ogya na wɔbɛsɛe nnebɔneyɛfoɔ.