Pular para o conteúdo
Publicidade

Reino dos céus

Por Bíblia Online

O Reino dos Céus é comparado por Jesus a tesouros, sementes e redes. Através de parábolas, Ele revelou os mistérios de um Reino que já está entre nós, mas que se consumará na eternidade.

O valor incomparável do Reino

O Reino dos Céus é como um tesouro escondido ou uma pérola de grande valor. Quem o encontra, vende tudo para possuí-lo.

Ademude Ne Ahene Pa Ho Mmɛ

Yesu toaa mmebu no so se, "Ɔsoro Ahenni no te ademude bi a obi kohuu afuw bi mu. Ɔkataa so, na ɔde ahopere kɔtɔn nʼahode nyinaa, de kɔtɔɔ afuw no.

"Bio, Ɔsoro Ahenni te obi a odi nhene pa ho gua a ɔrehwehwɛ nhene pa atɔ. Okonyaa bi a ɛyɛ mmoroso, enti ɔkɔtɔn nʼahode nyinaa de kɔtɔe!"

Onyaa Aba Ho

Yesu buu wɔn foforo se, "Ɔsoro Ahenni te onyaa aba ketewa bi a obi duaa nʼafum. Ɛyɛ aba ketewaa bi, nanso enyin a, ɛyɛ dutan kɛse ma nnomaa kosisi ne mman so."

Mmɔkaw Ho

Obuu wɔn foforo se, "Ɔsoro Ahenni te mmɔkaw bi a brodotofo de fɔtɔw mmɔre ma etu."

Parábolas do Reino

Jesus ensinou sobre o Reino mediante parábolas que revelam seu crescimento, seu juízo e a separação final entre justos e injustos.

Nwura Ho

Yesu de foforo kaa asɛm se, "Ɔsoro Ahenni no te okuafo bi a oduaa aburow nʼafum. Da koro anadwo a wada no, ne tamfo nso beduaa nwura fraa aburow a wadua no. Aburow no renyin no, na nwura no nso renyin.

"Okuafo no apaafo bɛka kyerɛɛ no se, Owura, aburow a wuduae no, nwura bi afifi ase!

"Okuafo no buae se, Ɔtamfo bi na oduae!

"Apaafo no bisaa no se, Wopɛ yekotutu saa nwura no ana?

"Obuaa wɔn se, Dabi da!Anyɛ a na moatutu aburow no bi afra nwura no. Momma ne nyinaa nyin nkosi twabere na mama atwafo ayiyi nwura no afi aburow no mu ahyew no, na wɔde aburow no nso agu asan so."

Nwura Ho No Nkyerɛase

Afei Yesu fii nnipadɔm no nkyɛn kɔɔ fie. Nʼasuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se ɔnkyerɛ wɔn a ɛfa nwura ne aburow ho no ase.

Yesu buaa wɔn se, "Me Onipa Ba no, mene okuafo a oduaa aburow no. Afuw no ne wiase, na aburow no nso gyina ma wɔn a wɔyɛ Ahenni no mma; nwura no nso gyina ma wɔn a wɔyɛ ɔbonsam mma. Ɔtamfo a oduaa nwura fraa aburow no ne ɔbɔnefo no. Otwabere no wiase awiei; atwafo no ne abɔfo no.

"Sɛnea asɛnka no mu, wotutuu nwura no fii aburow no mu kɔhyew no no, saa ara na ɛbɛyɛ wiase awiei. Onipa Ba no bɛsoma nʼabɔfo, na wɔabɛboaboa wɔn a wɔpɛ bɔne, nsɛmmɔnedifo nyinaa ano afi Ahenni no mu, na wɔatow wɔn agu ogyatannaa no mu, ahyew wɔn. Ɛhɔ na osu ne setwɛre . Na atreneefo no bɛhyerɛn owia wɔn Agya Ahenni no mu. Nea ɔwɔ aso no, ma ontie!"

Asaugu Ho

Yesu toaa so bio se, "Ɔsoro Ahenni no te obi a okoguu asau asu bi mu yii nsumnam ahorow bebree. Asau no yɛɛ ma no, ɔtwe baa konkɔn so. Afei ɔtenaa ase yiyii nam pa no guu kɛntɛn mu na ɔtow nea enye no gui. Saa ara na wiase awiei bɛyɛ. Abɔfo no bɛba abɛpaw abɔnefo no afi atreneefo no mu, na wɔatow abɔnefo no agu ogyatannaa no mu; ɛhɔ na osu ne setwɛre .

Quem herda o Reino

Os humildes, os pobres de espírito e as crianças são herdeiros do Reino. Mas é difícil para os ricos entrarem nele.

"Nhyira ne wɔn a wonim wɔyɛ ahiafo honhom mu,

na wɔn na ɔsoro ahenni wɔn dea.

Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahow,

na wɔn na Onyankopɔn bɛkyekye wɔn werɛ.

Nhyira ne ahobrɛasefo,

na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔadi asase so.

Nhyira ne wɔn a wɔn ne wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde,

na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔn nea ehia wɔn.

Nhyira ne wɔn a wohu mmɔbɔ,

na wɔn na Onyankopɔn behu wɔn mmɔbɔ.

Nhyira ne wɔn a wɔn koma mu tew,

na wɔn na wobehu Onyankopɔn.

Nhyira ne apatafo,

na wɔn na Onyankopɔn bɛfrɛ wɔn ne mma.

Nhyira ne wɔn a esiane wɔyɛ Onyankopɔn apɛde nti, wɔtaa wɔn,

na wɔn na Ɔsoro Ahenni no wɔn dea.

"Nhyira ne mo a me din mu nti, wɔyaw mo, taa mo, twa atoro, ka asɛmmɔne to mo so. Momma mo ani nnye na monsɛpɛw mo ho, efisɛ mowɔ akatua a ɛso ɔsoro. Munhu saa ara na wɔtaa adiyifo a wodii mo kan no."

Ɔkɛse Koraa Ɔsoro Ahenni Mu

Saa bere no mu na Yesu asuafo no baa ne nkyɛn bebisaa no se, wɔn mu hena na ɔbɛyɛ kɛse Ɔsoro Ahenni no mu.

Yesu frɛɛ abofra ketewa bi de no begyinaa wɔn mfimfini. Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Merema mo ate ase , gye motwe mo ho fi mo bɔne ho, na moyɛ mmofra nketewa, na mode mo ho ma Onyankopɔn ansa na mubetumi akɔ Ɔsoro Ahenni no mu." Enti, obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase abofra yi no, ɔno na ɔbɛyɛ ɔkɛse koraa Ɔsoro Ahenni mu.

Yesu kae se, "Momma mmofra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan, na eyinom sɛɛ na Ɔsoro Ahenni no wɔn dea."

Afei Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, "Meka mo nokware se ɛyɛ den ma osikani ɔbɛkɔ Ɔsoro Ahenni no mu. Meka ti mu se, ɛyɛ mmerɛw yoma bewura pane aniwa mu sen osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu!"

Asuafo no tee saa asɛm no, wɔn adwene mu yɛɛ wɔn naa. Wobisae se, "Na ɛno de, hena na wiase mu ha wobegye no nkwa?"

Yesu hwɛɛ wɔn buae se, "Onipa fam de, ɛyɛ den, na Onyankopɔn fam de, biribiara betumi aba mu."

Me nuanom adɔfo, muntie! Onyankopɔn yii wiase yi mu ahiafo wɔnyɛ adefo gyidi mu na wɔanya ahenni a ɔhyɛɛ wɔn a wɔdɔ no no ho no.

Nanso Ɔsorosoroni no ahotefo no begye ahemman no na wɔafa no afebɔɔ.

Buscar o Reino acima de tudo

Jesus ensinou que devemos buscar primeiro o Reino e sua justiça. Nem todo que diz 'Senhor, Senhor' entrará — só quem faz a vontade do Pai.

"Ɛnyɛ obiara a ɔbɔ me din Awurade, Awuradeno na ɔbɛkɔ ɔsoro ahemman mu.

Eyi nti, obiara a obebu mmara nsɛm no mu fa bi so na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo ama wɔn nso abu mmara nsɛm no mu fa bi so no bɛyɛ akumaa ɔsoro ahenni mu. Na obiara a obedi mmara no so, na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo ama wɔn nso adi mmara no so no bɛyɛ ɔkɛse Ɔsoro Ahenni mu. Enti merebɔ mo kɔkɔ , mopɛ mokɔ ɔsoro ahenni mu de a, gye moyɛ Onyankopɔn apɛde sen nea Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no ne Farisifo no .

"Enti saa ɔkwan yi so na momfa mmɔ mpae:

" Yɛn Agya a wowɔ ɔsoro,

wo din ho ntew.

Wʼahenni mmra.

Nea wopɛ nyɛ asase so,

sɛnea ɛyɛ ɔsoro.

Osuboni Yohane Asɛnka

Bere a Yesu ne nʼawofo Nasaret no, Osuboni Yohane bɛkaa asɛm Yudea sare so se, "Monsakra mo adwene; momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔsoro ahenni no abɛn"

Efi saa bere no, Yesu fii nʼasɛnka ase se, "Monsakra mo adwene, momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔsoro ahenni no abɛn."

Monkɔka nkyerɛ wɔn se, Onyankopɔn Ahenni no abɛn!

Na mereka akyerɛ mo se, nnipa pii befi apuei ne atɔe aba na wɔne Abraham, Isak ne Yakob abɛtena ase ɔsoro Ahenni no mu.

Nokware ni, nnipa a mmea awo wɔn nyinaa mu, obiara nni a wagye din Osuboni Yohane. Nanso nea ɔyɛ aketewa koraa Ɔsoro Ahenni mu no ɔkɛse sen no! Na efi bere a Osuboni Yohane fii ase kaa asɛmpa no, bɔɔ nkurɔfo asu de besi nnɛ no, Ɔsoro Ahenni no de tumi retrɛw na nnipadɔm a wɔn ani abere no refa no anuɔden so.

A herança eterna

O Reino dos Céus é inabalável e eterno. Deus nos chama a fazer firme a nossa vocação e eleição para entrar nesse Reino.

Momma yɛnna so ase, efisɛ yɛanya ahenni a wɔwosow no a ɛnyɛ yiye. Momma yɛn ani nsɔ na yɛmfa ɔkwan a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛyɛ nidi ne osuro so nsom no, efisɛ nokware ni, yɛn Nyankopɔn ogya a ɛhyew na ɛsɛe ade.

Wɔbɛka wʼahenni no anuonyam ho asɛm

na wɔaka wo mmaninyɛ ho asɛm,

ɛbɛyɛ a nnipa behu wo nnwuma akɛse

ne wʼahenni anuonyam a ɛheran no.

Wʼahenni daa ahenni,

na wo tumidi ma awo ntoantoaso nyinaa.

Awurade di ne bɔhyɛ nyinaa so,

na ɔwɔ ɔdɔ ma biribiara a wayɛ.

Enti me nuanom adɔfo, monyere mo ho dwuma no di mu, na enni mo ho adanse ampa ara Onyankopɔn afrɛ mo, ayi mo atena afebɔɔ. moyɛ saa a, morenhintiw na morempa abaw nso. mofa saa ɔkwan yi so a, wɔbɛma mo akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo Ahenni a ɛto ntwa da no mu.

Na Awurade begye me afi bɔne nyinaa mu na ɔde me akɔ ɔsoro Ahenni no mu asomdwoe mu. Ɔno na anuonyam nka no daa daa. Amen.

"Kuw ketewa, munnsuro efisɛ ɛyɛ mo Agya no ɔde ahenni no bɛma mo.

Munnya ntease , obiara a ɔbɔ aguaman na ɔyɛ afide, na ɔyɛ oniberefo (anibere abosonsom) no rennya kyɛfa biara Kristo ne Onyankopɔn Ahenni no mu bi.

Seja o primeiro