Ressurreição
A ressurreição é o pilar da fé cristã. Se Cristo não ressuscitou, é vã a nossa fé. Mas Ele venceu a morte, e essa é a garantia da nossa própria ressurreição.
Cristo ressuscitou
O túmulo está vazio! Os anjos declararam: 'Ele não está aqui; ressuscitou!' A ressurreição de Cristo é o fato mais transformador da história.
Ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ mmaa no sɛ, "Monnsuro! Menim sɛ, morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no, nanso ɔnni ha. Wasɔre kɔ sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Mommra mmɛhwɛ deɛ na ɔda hɔ no.
Nanso, aberanteɛ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Monnsuro. Ɛnyɛ Nasareni Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no na morehwehwɛ no no? Ɔnni ha! Wasɔre! Monhwɛ faako a wɔde no toeɛ hɔ!
Ɔnni ha. Wasɔre! Monnkae asɛm a ɔka kyerɛɛ mo ɛberɛ a na ɔwɔ Galilea no sɛ, ‘Ɛtwa sɛ wɔde Kristo no hyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa na wɔbɔ no asɛnnua mu na ne nnansa so wasɔre bio no?’ "
Afei, osuani a ɔduruu ɔboda no ho kane no nso wuraa mu hunuu saa nneɛma no maa ɔgye diiɛ. Saa ɛberɛ no nyinaa na asuafoɔ baanu yi nnya ntee deɛ Atwerɛsɛm aka afa Yesu wusɔreɛ ho no ase.
Mekaa asɛm a meteeɛ a ɛho hia yie no kyerɛɛ mo sɛ, yɛn bɔne enti na Kristo wuiɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no Atwerɛsɛm mu sɛ, wɔsiee no, na ne nnansa so no, ɔsɔre firii awufoɔ mu sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Atwerɛsɛm no mu sɛ,
Ressurreição e vida eterna
Jesus disse: 'Eu sou a ressurreição e a vida.' Quem crê nele viverá, mesmo que morra. A morte foi derrotada na cruz e no túmulo vazio.
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, "Me na menyane awufoɔ ma wɔn nkwa. Obiara a ɔgye me di no, sɛ wawu mpo a, ɔbɛsane anya nkwa. Na obiara a ɔte ase na ɔgye me di no, renwu da. Wogye yei di anaa?"
Na sɛdeɛ owuo nam onipa so baeɛ no, saa ara nso na owusɔreɛ nam onipa so ba.
Yɛgye di sɛ Yesu wuiɛ, na ɔsɔree bio. Enti sɛ Onyankopɔn de Yesu ba bio a, ɔde wɔn a wɔnyaa ne mu gyidie ansa na wɔrewuo no bɛka ne ho aba.
Afei a yɛahunu sɛ onipa baako na ɔwu maa nnipa nyinaa wuu bi no enti, Kristo dɔ a ɔde dɔ yɛn no na ɛhyɛ yɛn. Yei kyerɛ sɛ nnipa nyinaa wɔ ne wuo no mu kyɛfa bi. Ɔwu maa yɛn nyinaa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn a wɔte ase no rentena ase mma wɔn ho bio na mmom, wɔbɛtena ase ama deɛ yɛn enti, ɔwuiɛ a wɔmaa ɔsɔre firii awufoɔ mu no.
Na sɛ yɛne no ayɛ baako wɔ ne wuo mu a, wɔbɛfa saa ɛkwan korɔ no ara so anyane yɛn aba nkwa mu, na yɛne no ayɛ baako. Yɛnim sɛ wɔbɔɔ yɛn nipadua dada no ne Kristo asɛnnua mu. Wɔyɛɛ yei sɛdeɛ nipadua dada a ɛyɛ bɔne no renyɛ bɔne nkoa bio,
Nossa esperança futura
A ressurreição de Cristo garante nossa esperança viva. O Deus de paz trouxe dos mortos o grande Pastor das ovelhas para nossa salvação.
Anidasoɔ
Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase. Esiane nʼahummɔborɔ dodoɔ enti, ɔnam nyane a ɔnyanee Yesu Kristo firii owuo mu no so ama yɛn nkwa foforɔ. Yei ma yɛnya anidasoɔ a atim,
Ɛno na afei ne sɛso ne asubɔ a ɛgye mo nkwa seesei no. Ɛnyɛ honam ani efi hohoro, na mmom, ɛyɛ bɔ a wɔfiri ahonim pa mu hyɛ Onyankopɔn. Ɛnam Yesu Kristo wusɔreɛ so gye mo nkwa.
Onyankopɔn anyane yɛn Awurade Yesu a ɔyɛ odwanhwɛfoɔ panin no afiri awufoɔ mu ama yɛn na ɛnam ne owuo no so enti, wɔasɔ daa apam no ano ama yɛn. Asomdwoeɛ Onyankopɔn mma mo deɛ ɛhia mo nyinaa na monam so ayɛ nʼapɛdeɛ, na ɔnam Yesu Kristo so ayɛ yɛn mu adwuma sɛdeɛ ɛsɔ ani. Animuonyam nka Kristo daa nyinaa. Amen.
Deɛ merehwehwɛ ara ne sɛ, mɛhunu Kristo na mɛnya ne wusɔreɛ no mu suahunu, na mahunu nʼamaneɛ no bi, na mayɛ sɛ ɔno wɔ ne owuo no mu,
Nhyira bebree nka wɔn a wɔdii ɛkan nyanee wɔn firii awufoɔ mu. Owuo a ɛtɔ so mmienu no nni wɔn so tumi. Wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfoɔ. Na wɔne no bɛdi ahene mfeɛ apem.
Na mehunuu awufoɔ akɛseɛ ne nketewa sɛ wɔgyinagyina ahennwa no anim. Wobuebuee nwoma bebree mu, ɛnna wobuee nwoma foforɔ bi a ɛyɛ ateasefoɔ nwoma no mu. Wɔbuu awufoɔ no atɛn, sɛdeɛ wɔn nnwuma te ne sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ nwoma ahodoɔ no mu no. Afei, ɛpo nso danee nʼawufoɔ maeɛ. Owuo ne asaman nso de wɔn awufoɔ maeɛ. Na wɔbuu wɔn nyinaa atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.
Nanso, ɛbɛsi ɛnnɛ, Onyankopɔn abɔ me ho ban enti na megyina ha redi adanseɛ akyerɛ obiara yi. Asɛm korɔ a Mose ne adiyifoɔ no kaa sɛ, Ɛsɛ sɛ Agyenkwa no hunu amane na wadi awufoɔ sɔreɛ mu ɛkan, na wɔaka hann ho asɛm akyerɛ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ."
Wɔrekɔ no, ɔtwee nʼasuafoɔ no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Yɛrekɔ Yerusalem. Wɔbɛyi me ama asɔfoɔ mpanin ne twerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ, na wɔabu me kumfɔ. Wɔde me bɛhyɛ Roma aban nsa, na wɔadi me ho fɛw, abɔ me asɛnnua mu, na ne nnansa so no, mɛsɔre afiri awufoɔ mu."