Publicidade

Atos 26

Paulo Yi Ne Ho Ano

1 Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Paulo , "Afei, mema wo ho ɛkwan woyi wo ho ano."

Paulo maa ne nsa so kasaa , 2 "Ɔhene Agripa! Ɛyɛ me anigye ɛnnɛ manya mu kwan gyina wʼanim ha reyi me ho ano asɛm a Yudafoɔ aka atia me no ho. 3 Deɛ ɛma meka saa ne , wonim Yudafoɔ mmara ne wɔn amanneɛ nyinaa fekɔɔ. Enti, mesrɛ wo, to wo bo ase tie me.

4 "Yudafoɔ no nim mʼasetena mu nsɛm nyinaa firi me mmɔfraase. Wɔnim mʼasetena mu nsɛm me kurom ne Yerusalem nso. 5 wɔbɛka nokorɛ a, wɔnim meyɛ Farisini a medi Yudafoɔ mmara ne wɔn som so pɛpɛɛpɛ. 6 Na afei ɛyɛ a Onyankopɔn hyɛɛ yɛn nananom no enti na megyina ha ɛnnɛ na wɔrebu me atɛn yi. 7 Saa bɔhyɛ yi na yɛn mmusuakuo dumienu hwɛ ɛkwan ɛbɛba mu no enti na wɔsom Onyankopɔn awia ne anadwo no. Ɔhene, saa anidasoɔ yi enti na Yudafoɔ asɔre atia me yi. 8 Adɛn enti na mo Yudafoɔ nnye nni Onyankopɔn nyane awufoɔ?

9 "Mmerɛ bi a atwam no, na mʼadwene nyinaa ne mɛyɛ biribiara a mɛtumi de atia Yesu a ɔfiri Nasaret no din. 10 Saa ara na meyɛɛ Yerusalem. Megyee tumi nwoma firii asɔfoɔ mpanin nkyɛn gyinaa so kyekyeree Onyankopɔn akyidifoɔ guu afiase; na wɔbu wɔn kumfɔ a, medi mu akotene. 11 Memaa wɔtwee wɔn aso mmerɛ pii hyiadan mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛpa wɔn gyidie. Mʼani beree wɔn so yie maa metaa wɔn kɔduruu aman afoforɔ so."

Paulo Ka Nʼadwensakra Ho Asɛm

12 "Saa ɔtaa yi enti na mekɔgyee tumi nwoma firii asɔfoɔ mpanin nkyɛn mede rekɔ Damasko no. 13 Daasebrɛ, da bi owigyinaeɛ a merekɔ Damasko no, hann bi a ɛkyɛn owia hyerɛn firii ɔsoro bɛtwaa me ne wɔn a yɛnam no ho hyiaeɛ. 14 Yɛn nyinaa twitwa hwehwee fam na metee nne bi Arameike kasa mu , Saulo! Saulo! Adɛn enti na wotaa me? Deɛ woyɛ yi nyinaa wode reha wo ho sɛdeɛ nantwie tu ne nan ɔkafoɔ poma ano.

15 "Mebisaa , Ɛyɛ wo hwan, Awurade?

"Awurade buaa , Ɛyɛ me Yesu a wotaa me no. 16 Sɔre gyina . Ɛnnɛ mayi me ho adi akyerɛ wo; mɛma woayɛ me ɔsomfoɔ na woadi adanseɛ deɛ woahunu afa me ho yi ne deɛ mɛkyerɛ wo nyinaa ho. 17 Mɛgye wo mafiri Israelfoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔresoma wo akɔ wɔn nkyɛn no nsam. 18 Wobɛbue wɔn ani na woatwe wɔn afiri sum mu aba hann mu, na woayi wɔn afiri ɔbonsam tumi ase aba Onyankopɔn nkyɛn. Na wɔnam wɔn gyidie a wɔwɔ me mu no so anya bɔne fakyɛ na wɔayɛ Onyankopɔn mma.

19 "Ɛno enti, Ɔhene Agripa, meyɛɛ ɔsetie maa nne a ɛfiri ɔsoro no. 20 Mefirii aseɛ kaa asɛmpa no Damasko ne Yerusalem ne Yudeafoɔ aman nyinaa so ne amanamanmufoɔ mu , ɛsɛ wɔnu wɔn ho na wɔde wɔn ho ma Onyankopɔn, na wɔn nneyɛeɛ akyerɛ wɔasakyera. 21 Saa asɛm yi ara enti na mewɔ asɔredan mu resom no, Yudafoɔ no bɛkyeree me wɔrekɔku me. 22 Nanso, ɛbɛsi ɛnnɛ, Onyankopɔn abɔ me ho ban enti na megyina ha redi adanseɛ akyerɛ obiara yi. Asɛm korɔ a Mose ne adiyifoɔ no kaa , 23 Ɛsɛ Agyenkwa no hunu amane na wadi awufoɔ sɔreɛ mu ɛkan, na wɔaka hann ho asɛm akyerɛ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ."

Festo Bu Paulo Ɔbɔdamfoɔ

24 Paulo gu so rekasa no, Festo tiaa no kaa , "Paulo, woabɔ dam. Wo nwomanim bebrebe no abɔ wo dam."

25 Nanso, Paulo buaa , "Daasebrɛ, memmɔɔ dam. Nsɛm a mereka no nokorɛ a aba mu. 26 Ɔhene Agripa, ɛsiane wonim saa nsɛm yi nyinaa enti, mɛtumi magyina wʼanim mede akokoɔduru makasa. Megye di biribiara a ɛsiiɛ no wonim, ɛfiri , emu biara nni a ɛyɛ kokoamsɛm. 27 Ɔhene Agripa, wogye adiyifoɔ no di anaa? Menim wogye wɔn di."

28 Agripa bisaa Paulo , "Wogye di wobɛtumi adane mʼadwene ama mayɛ Kristoni saa ɛberɛ tiawa yi mu anaa?"

29 Paulo buaa , "nsɛm a mereka no ho hia anaa ɛho nhia no, me mpaeɛbɔ ara ne , Onyankopɔn bɛma wo ne wɔn a wɔretie me ɛnnɛ yi nyinaa bɛsakyera abɛyɛ me, agye nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu me yi nko ara."

30 Afei, ɔhene no ne Amrado ne Berenike ne wɔn a wɔahyia no nyinaa sɔreeɛ. 31 Wɔrekɔ no, wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho , "Saa onipa yi nyɛɛ biribiara a ɛsɛ wɔgyina so bu no kumfɔ anaasɛ wɔde no to afiase."

32 Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Festo , "onipa yi nnwane ntoaa Kaesare a anka yɛbɛtumi agyaa no."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-