Publicidade

Roupas

Por Bíblia Online

A Bíblia fala sobre roupas em sentido literal e espiritual. Deus vestiu Adão e Eva, nos veste de salvação e nos chama a revestir-nos de Cristo e de virtudes santas.

Deus provê as vestes

Desde o Éden, Deus cuidou das necessidades dos seus filhos. Ele nos veste de salvação e de justiça, cobrindo nossa vergonha com sua graça.

Wɔdi wieeɛ no, wɔn baanu ani baa wɔn ho so, na wɔhunuu wɔn nyinaa da adagya. Enti, wɔkekaa nhahan sisii animu de kataa wɔn adagya so.

Awurade Onyankopɔn de aboa nwoma yɛɛ ntadeɛ maa Adam ne ne yere Hawa de kataa wɔn ho.

Awurade mu na me ho sɛpɛ me mmorosoɔ,

me Onyankopɔn mu na me ɔkra di ahurisie.

Ɛfiri , ɔde nkwagyeɛ ntoma afira me

na ɔde tenenee atadeɛ yuu awura me,

sɛdeɛ ayeforɔkunu siesie me tiri so ɔsɔfoɔ,

ne sɛdeɛ ayɛforɔ de nnwinneɛ hyehyɛ ne ho.

Revestidos de Cristo

Pelo batismo, somos revestidos de Cristo. A Bíblia nos exorta a vestir compaixão, bondade, humildade, mansidão e paciência.

Ɛnam gyidie so enti na mo nyinaa Onyankopɔn mma a mo ne Kristo Yesu aka abom no. Wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ Kristo mu enti, moafa Kristo mu nnepa no ato mo ho so.

Moyɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ. Ɔpɛ mo asɛm enti na ɔyii mo ne deɛ, enti monyɛ timmɔborɔ, ayamyɛ, mommrɛ mo ho ase, monnwo na monyɛ abodwokyerɛ.

Deɛ ɔbɛdi nkonim no, wɔbɛhyɛ no atadeɛ fitaa, na merentwa ne din mfiri ateasefoɔ nwoma no mu. Na mɛda ne din adi mʼAgya no ne nʼabɔfoɔ anim ɔyɛ me dea.

Modéstia e confiança

A beleza verdadeira não está no exterior. A Escritura valoriza o caráter interior acima de adornos e nos ensina a não nos preocupar excessivamente com roupas.

Afei, mehwehwɛ mmaa bɛbrɛ wɔn ho ase na wɔafa ɛkwan a ɛfata so asiesie wɔn ho. Ma wɔmmɔ wɔn ti mmaa ahobrɛasefoɔ; mma wɔmmfa sika anaa adwinneɛ anaa ntadeɛ a ne boɔ den nsiesie wɔn ho. Na mmom, ɛsɛ wɔda adwuma pa a ɛfata mmaa adi mmaa a wɔyɛ nyamesomfoɔ.

Mommma ɔhonam mu asiesie nnyɛ mo dadwene; ɛyɛ ɛkwan a mofa so kyekyere mo ti, anaa adwinneɛ a mode siesie mo ho, anaa ntoma a mofira. Momfa ɔdwoɔ ne ahobrɛaseɛ nkyerɛ mo ahoɔfɛ a ɛyɛ akomamuteɛ no. Saa ahoɔfɛ yi kyɛre na ɛsɔ Onyankopɔn ani.

"Yei enti na metu mo fo , monnnwennwene deɛ mobɛdi anaa deɛ mobɛnom anaa deɛ mobɛfira ho. Mowɔ ɔkra ne onipadua a ɛsom bo sene deɛ mobɛdi, deɛ mobɛnom ne deɛ mobɛfira.

Yɛamfa hwee amma ewiase. Saa ara nso na yɛremfa hwee nkɔ. Ɛno enti, yɛwɔ aduane ne ntoma a, ɛno nko dɔɔso ma yɛn.

"Monhwɛ mo ho yie atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ a wɔba mo nkyɛn ahobrɛaseɛ mu nnwan nanso wɔyɛ mpataku a wɔnya mo a, wɔbɛtete mo pasaa no ho.

Nyaatwomyɛ Ho Kɔkɔbɔ

Nnipa mpempem kyeree so a wɔnnya baabi ntu wɔn nan nsi mpo no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no kane , "Monhwɛ mo ho so yie Farisifoɔ nyaatwom a ɛte mmɔreka no ho. Biribiara a wɔyɛ no kɔkoam no bɛda adi na deɛ ahinta no nso bɛpue. Enti, deɛ moaka sum mu no, wɔbɛte hann mu. Na deɛ moaka no asomusɛm adan mu no, wɔbɛbɔ no dawuro.

Onipa A Monsuro No

"Me nnamfonom, mereka akyerɛ mo , monnsuro wɔn a wɔkum onipadua na ɛno akyi wɔntumi nyɛ hwee bio no. Na mɛkyerɛ mo deɛ ɛsɛ mosuro no. Monsuro deɛ wakum onipadua no awie no, ɔwɔ tumi ɔto twene amanehunu kurom. Mereti mu akyerɛ mo , yei na monsuro no. Wɔntɔn akasanoma enum nnye sika bi ? Nanso, Onyankopɔn werɛ remfi wɔn mu baako po da. Mo tirinwi mpo, wɔakan ne nyinaa. Enti, monnsuro, ɛfiri , mosom bo sene akasanoma dodo biara.

Kristo Ne Honhom Kronkron

"Na mereka akyerɛ mo , obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, Kristo no nso bɛbɔ ne din Onyankopɔn abɔfoɔ anim. Na deɛ ɔbɛpa me nnipa anim no, me nso mɛpa no, Onyankopɔn abɔfoɔ anim. Obiara a ɔbɛkasa atia Kristo no, wɔde bɛkyɛ no. Nanso deɛ ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron no deɛ, wɔremfa nkyɛ no da.

"wɔde mo ba mpanin anim hyia adan mu a, monnnwennwene nsɛm a mobɛka anaasɛ deɛ mode bɛyi mo ho ano no ho, Ɛfiri , saa ɛberɛ no ara mu Honhom Kronkron no bɛkyerɛ mo deɛ ɛsɛ moka."

Adifudepɛ Ho Kɔkɔbɔ

Obi firi nnipa no mu ka kyerɛɛ Yesu , "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ka kyerɛ me nua na ɔne me nkyɛ agyapadeɛ a yɛn agya de agya yɛn no mu."

Yesu buaa no , "Damfo, hwan na ɔyɛɛ me mo so ɔtemmufoɔ ne ɔsɛnnifoɔ?" Ɔtoaa so , "Monhwɛ mo ho yie adifudepɛ ho, ɛfiri , onipa nkwa nnyina nʼahonya dodoɔ a ɔwɔ so."

Afei, ɔbuu wɔn yi , "Ɔdefoɔ bi a na ɔwɔ asase pa a ɛmaa no nnɔbaeɛ pii. Esiane na ne nnɔbaeɛ no nkɔ pata a wabɔ no so enti, ɛyɛɛ no dadwene ma ɔbisaa ne ho , Mennya baabi a mede me nnɔbaeɛ bebrebe yi bɛgu yi, menyɛ no dɛn?

"Afei, ɔkaa , Monim deɛ mɛyɛ. Mɛbubu mʼapata yi nyinaa na mabɔ no akɛseɛ de deɛ mewɔ nyinaa asie . Na maka akyerɛ me kra , "Ɔkra, ma wʼani nnye na didi, na nom ɛfiri , wowɔ nneɛma pa pii a ɛbɛso wo mfeɛ bebree!" 

"Nanso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no , Ɔkwasea! Anadwo yi, wɔbɛgye wo kra afiri wo nsam, na hwan na nneɛma bebree a woapɛ agu yi, wode bɛgya no?

"Ɛno enti, saa ara na obiara a ɔbɛboaboa agyapadeɛ ano de ne ho ato so no nyɛ ɔdefoɔ Onyankopɔn anim ne no."

Fa Wo Ho To Onyankopɔn So

Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no , "Monnnwennwene deɛ mobɛdi anaa deɛ mobɛfira ho. Ɔkra som bo sene aduane na onipadua nso som bo sene ntoma. Monhwɛ kwaakwaadabi, wɔnnua aba ɛnna wɔntwa. Saa ara nso na wɔnni pata a wɔde wɔn nnɔbaeɛ sie so, nanso Onyankopɔn ma wɔn aduane di. Monsom bo nsene wɔn anaa? Mo mu hwan na adwene a ɔdwen no bɛtumi ato ne nkwa nna so simasin? Na montumi nyɛ ade ketewaa a ɛte sei mpo a, adɛn na modwennwene nneɛma akɛseɛ ho?

"Monhwɛ sɛdeɛ sukooko nyini. Wɔnyɛ adwuma, ɛnna wɔnnwono ntoma mfira. Nanso, Salomo ahonya nyinaa mu, na ɔnni ntoma a ɛyɛ saa nhwiren no mu baako mpo. Mo a mo gyidie hinhim, Onyankopɔn siesie wiram nhwiren a ɛfifiri ɛnnɛ na ɔkyena awu no ho ma ɛyɛ a, adɛn enti na ɔrensiesie mo nso mo ho mma ɛnyɛ . Saa ara nso na monnnwennwene deɛ mobɛdi anaa deɛ mobɛnom ho. Saa nneɛma yi na ewiase amanaman pere hwehwɛ, nanso mo deɛ, mo agya nim yeinom nyinaa ho hia mo. Enti, monhwehwɛ Onyankopɔn Ahennie kane na ɔde yeinom nyinaa bɛma mo.

"Ekuo ketewa, monnsuro, ɛfiri , ɛyɛ mo agya no ɔde ahennie no bɛma mo. Montontɔn mo ahodeɛ na monkyɛ ahiafoɔ adeɛ. Yei bɛma mo agyapadeɛ a ɛwɔ ɔsoro no ayɛ pii. Monhyehyɛ mo agyapadeɛ ɔsoro, deɛ owifoɔ ntumi nkɔwia na ntɛferɛ ntumi nkɔwe. Na deɛ wʼagyapadeɛ no, ɛhɔ na wʼakoma nso ."

Monwɛn

"Monnyina pintinn na momma mo nkanea nhyerɛn, na monyɛ wɔn a wɔretwɛn wɔn wura a ɔkɔ ayeforɔhyia ase a, ɔba na ɔbɔ ɛpono mu a, wɔbɛbue no ntɛm no. Wɔn a wɔn wura no ba a ɔbɛba abɛto wɔn wɔretwɛn no no ani bɛgye. Ɔbɛto wɔn ɛpono na ɔno ankasa asom wɔn. ɔba dasuo mu anaa ahemadakye mpo a, asomfoɔ a ɔbɛba abɛto wɔn wɔrewɛn no no ani bɛgye. Ɛsɛ mohunu , efiewura nim ɛberɛ a owifoɔ bɛba a, anka ɔbɛwɛn na owifoɔ no annya ne ho ɛkwan ammɛbɔ no korɔno. Enti, monsiesie mo ho ntwɛn Onipa Ba no ba a ɔbɛba no, ɛfiri , monnim ɛberɛ ko a ɔbɛba."

Petro bisaa Yesu , "Awurade, worebu yi akyerɛ yɛn nko ara anaasɛ obiara?"

Yesu buaa no , "Merekasa akyerɛ ɔsomfoɔ nokwafoɔ nyansafoɔ biara a ne wura de ne efie sohwɛ bɛhyɛ ne nsa na wahwɛ ama obiara aduane ne berɛ mu. Nhyira ne ɔsomfoɔ a ne wura no bɛba abɛto no wayɛ nʼadwuma pɛpɛɛpɛ. Nokorɛm, ɔde nʼagyapadeɛ nyinaa bɛhyɛ ne nsa. Na ɛba saa ɔsomfoɔ yi nso ka , Me wura nnya mmaeɛna ɛno enti, ɔhwe asomfoɔ a aka no, na ɔdidi, nom nsã bo a, ne wura no bɛba da a nʼani nna so ɔbɛba. Na ne wura no ba a, ɔbɛtwe nʼaso denden na wabu no obi a ɔnnye Onyankopɔn nni.

"Ɔsomfoɔ a ɔnim deɛ ne wura , na wanyɛ ne wura no apɛdeɛ no wɔbɛbɔ no mmaa pii. Na ɔsomfoɔ a ɔnnim deɛ ne wura na enti ɔyɛɛ deɛ ne wura mpɛ no, wɔbɛbɔ no mmaa kakraa bi. Na obiara a wɔama no pii no, wɔbɛbisa pii afiri ne nkyɛn; na deɛ wɔde bebree ahyɛ ne nsa no, ɔbɛbu bebree ho nkonta."

Mpaapaemu

"Maba merebɛsɔ ogya asase so na asɔ dada a, na deɛ merehwehwɛ ara ne no. Asubɔ bi a wɔde bɛbɔ me a, ɛde me bɛkɔ amanehunu mu, na merennya ahotɔ gye wɔabɔ me saa asu no ansa. Mosusu mebaeɛ mede asomdwoeɛ reba asase yi so? Dabi! Ɛnyɛ asomdwoeɛ na mede baeɛ na mmom mpaapaemu. Ɛfiri ɛnnɛ, mpaapaemu bɛba afie mu, baasa bɛba mʼafa na baanu atia me anaasɛ baanu bɛba mʼafa na baasa atia me. Agya ne ne babarima renyɛ adwene, ɔbabaa ne ne maame renyɛ adwene, ase ne ase adwene renhyia."

Na ɔka kyerɛɛ nnipakuo no nso , "mohunu osuo amuna atɔeɛ a, ntɛm ara, moka , Osuo bɛtɔ!Na osuo ampa. Saa ara nso na mohunu mframa firi anafoɔ reba a, moka , Ahuhuro bɛba!Na ɛba mu ampa. Mo nyaatwomfoɔ! Motumi kyerɛ ewiem nsakraeɛ ase, nanso nneɛma a ɛnnɛ yi atwa mo ho ahyia, ne deɛ ɛbɔ mo kɔkɔ no deɛ, monhunu.

"Adɛn enti na monim deɛ ɛyɛ na monyɛ? wode obi ka a, mmɔden kɔhunu no na wone no nka ho asɛm na wamfa wo ankɔ asɛnniiɛ amma ɔtemmufoɔ amfa wo anto afiase. woanyɛ no saa a, ɔbɛma woatua ka a wode no no nyinaa ansa na wagyaa wo."

Saa ɛberɛ no na Yohane fira yoma ho nwi ntoma, aboa nhoma abɔsoɔ. Na nʼaduane ntutummɛ ne ɛwoɔ.

Seja o primeiro
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-