Publicidade

Gênesis 3

Bɔne A Adam Yɛeɛ Ne Akyire Asɛm

1 Na ɔwɔ ɔdaadaafoɔ wiram mmoadoma a Awurade Onyankopɔn abɔ wɔn no nyinaa mu. Ɔwɔ no kɔɔ ɔbaa no nkyɛn kɔbisaa no , "Enti, ɛyɛ ampa ara , Onyankopɔn se, Monnni turo yi mu aduaba biara?’ "

2 Ɔbaa no buaa ɔwɔ , "Yɛtumi di nnua a ɛwɔ turo yi mu no so aduaba biara, 3 nanso Onyankopɔn kaa , Ɛnsɛ yɛdi dua a ɛsi turo no mfimfini no so aduaba, na ɛnsɛ yɛde yɛn nsa mpo ka, anyɛ saa a, yɛbɛwuwu.’ "

4 Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbaa no , "Morenwuwu. 5 Onyankopɔn nim , ɛda a mobɛdi no ara , mo ani bɛba mo ho so, ama moayɛ Onyankopɔn, na moahunu papa ne bɔne."

6 Ɛberɛ a ɔbaa no hunuu dua a ɛsi mfimfini no so aba no wɔdi a, ɛbɛyɛ yie, na ɛyɛ akɔnnɔ, na afei ɛte ani no, ɔtee bi diiɛ, de bi ma ne kunu a na ɔne no maa ɔno nso diiɛ. 7 Wɔdi wieeɛ no, wɔn baanu ani baa wɔn ho so, na wɔhunuu wɔn nyinaa da adagya. Enti, wɔkekaa nhahan sisii animu de kataa wɔn adagya so.

8 Ɛda no anwummerɛ, wɔtee Awurade Onyankopɔn nka ɔnam turo no mu. Enti, Adam ne ne yere Hawa de wɔn ho kɔsiee nnua a ɛwɔ turo mu no mu sɛdeɛ Awurade Onyankopɔn renhunu wɔn. 9 Enti, Awurade Onyankopɔn frɛɛ Adam bisaa no , "Mowɔ he?"

10 Adam buaa , "Metee wo nka turo no mu , nanso na mesuro, ɛfiri , na meda adagya enti mekɔtɛeɛ."

11 Na Onyankopɔn bisaa no , "Hwan na ɔka kyerɛɛ wo na woda adagya? Gyama dua a meka kyerɛɛ wo , nni so aba no, woadi nʼaba no bi?"

12 Adam kaa , "Aane. Ɔbaa no a wode no maa me me ne no ntena no na ɔde aduaba a ɔte firii dua no so no brɛɛ me ma mediiɛ."

13 Enti, Awurade Onyankopɔn bisaa ɔbaa no , "Ɛdeɛn na woayɛ yi?"

Ɔbaa no buaa , "Ɔwɔ no na ɔdaadaa me ma mediiɛ."

14 Enti, Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no , "Esiane saa adeɛ a woayɛ yi enti,

"Wɔadome wo mmoa nyinaa

ne nkekaboa mu.

Wobɛwea wʼafuru so,

na wo nkwa nna

nyinaa woadi mfuturo.

15 Mede ɔtan bɛto

wo ne ɔbaa no

ne wʼasefoɔ ne nʼasefoɔ ntam.

Ɔno na ɔbɛbɔ wo tire,

na wo nso woaka ne nantin."

16 Afei, Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbaa no nso ,

"Wobɛte ɔyea pa ara wʼawoɔ mu;

ɔyea mu na wobɛwo mma.

Yei nyinaa akyiri no,

wʼani bɛgyina wo kunu na ɔbɛdi wo so."

17 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam nso , "Esiane wotiee wo yere asɛm, na wodii dua a mehyɛɛ wo , Nni so aba noenti,

"Madome asase,

na ɔbrɛ ne ɔhaw mu na wobɛdidi so

wo nkwa nna nyinaa.

18 Ɛbɛfifiri nkasɛɛ ne nkyɛkyerɛ

ama wo na woadi wiram nhahan.

19 Wobɛsiam wʼanim fifire

ansa na woanya aduane adi,

kɔsi wobɛwu akɔ dɔteɛ mu, ɛfiri ,

dɔteɛ no mu na menwonoo wo firiiɛ;

woyɛ dɔteɛ,

na dɔteɛ mu na wobɛsane akɔ."

20 Adam too ne yere no edin Hawa, ɛfiri , ɔno na ɔbɛyɛ ateasefoɔ nyinaa na.

21 Awurade Onyankopɔn de aboa nwoma yɛɛ ntadeɛ maa Adam ne ne yere Hawa de kataa wɔn ho. 22 Awurade Onyankopɔn kaa , "Afei, onipa no abɛyɛ yɛn ara a, wahunu papa ne bɔne. Ɛnsɛ yɛma no ɛkwan na ɔtene ne nsa kɔte nkwa dua no so aba no bi die, na ɔtena ase afebɔɔ." 23 Enti, Awurade Onyankopɔn pamoo no firii Eden turo no mu ɔnkɔyɛ adwuma asase a, wɔnwonoo no firii mu no so. 24 Ɔpamoo onipa no. Na Eden turo no apueeɛ fam no, ɔde Kerubim ne afena a ɛredɛre twa ne ho fa baabiara no sii , ɛnwɛn ɛkwan a ɛkɔ nkwa dua no ho.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-