Pular para o conteúdo
Publicidade

Sexo

Por Bíblia Online

A Bíblia trata a sexualidade como um presente de Deus para o contexto do casamento. As Escrituras celebram a intimidade conjugal e orientam sobre pureza e santidade sexual.

A sexualidade no plano de Deus

Desde a criação, Deus projetou a intimidade sexual como expressão de amor entre marido e mulher, abençoando a união conjugal.

Enti, Onyankopɔn bɔɔ onipa ne sɛso;

Onyankopɔn sɛso so na ɔbɔɔ wɔn;

ɔbaa ne ɔbarima na ɔbɔɔ wɔn.

Onyankopɔn hyiraa wɔn, ka kyerɛɛ wɔn , "Monwo na monyɛ asase so ma, na monni biribiara so. Monni ɛpo mu mpataa ne ewiem nnomaa ne abɔdeɛ biara a, nkwa mu a, ɛwɔ asase so no nyinaa so."

Yei enti na ɔbarima gya nʼagya ne ne na de ne ho kɔbata ne yere ho sɛdeɛ wɔn baanu bɛyɛ nnipa korɔ.

Yesu nso bisaa wɔn , "Gyama monkenkan Atwerɛ Kronkron no? Wɔatwerɛ mu , Mfitiaseɛ no, Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbaa! Yei enti na ɔbarima bɛgya nʼagya ne ne maame de ne ho akɔbɔ ne yere ho daa nyinaa no. Na wɔn baanu no abɛyɛ ɔhonam korɔ. Enti, deɛ Onyankopɔn aka abom no, ɛnsɛ onipa tete mu."

Nhyira nka wʼasubura

na wʼani nka wʼababunuberɛ mu yere ho.

Ɔte ɔtwe bereɛ dɔfoɔ, ɔwansane animuonyamfoɔ.

Ma ne nufoɔ nsɔ wʼani daa

na ne nkyekyere wo.

A santidade na intimidade

O leito conjugal é honroso. A Bíblia celebra a alegria da intimidade dentro do casamento e orienta o casal ao amor e respeito mútuo.

Mo nyinaa nni awadeɛ ni, na okununom ne ɔyerenom nni wɔn ho nokorɛ, ɛfiri Onyankopɔn bɛbu adwamanfoɔ ne awaresɛefoɔ atɛn.

Ɛsɛ ɔbarima nʼasɛdeɛ okunu na ɔbaa nso nʼasɛdeɛ ɔyere na wɔn mu biara boa ne yɔnko. Ɔyere onipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na ɛyɛ okunu no nso dea bi. Saa ara nso na okunu no onipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na mmom, ɛyɛ ɔyere no nso dea bi.

Na morentumi nhyɛ mo ho so nso a monkɔwareware. Ɛyɛ mobɛware sene mobɛhyɛ mo ho ahometeɛ.

Ɛnyɛ Awurade korɔ no ara na ɔbɔɔ mo? Ɔhonam fam ne honhom fam no, moyɛ ne dea. Deɛn na Onyankopɔn hwehwɛ? Ɔrehwehwɛ mma a onyamesuro wɔn mu. Enti da wo ho so honhom mu, na di wo mmeranteberɛ mu yere nokorɛ.

Monnim mo onipadua no Kristo onipadua no fafa bi anaa? Memfa Kristo onipadua fa bi mmɔ obi a ɔbɔ adwaman onipadua ho anaa? Dabi. Anaa ebia na monnim onipa a ɔde ne ho adwamanfoɔ ho nso odwamanfoɔ? Atwerɛsɛm no da no adi , "Wɔn baanu no nyinaa onipadua korɔ." Nanso, onipa a wɔde no abata Awurade ho no ne no baako honhom mu.

Pureza sexual

Deus nos chama à santificação e à fuga da imoralidade. O corpo do cristão é templo do Espírito Santo e deve ser tratado com honra.

Mommmɔ adwaman. Bɔne biara a onipa bɛyɛ no nka ne onipadua no, nanso onipa a ɔbɔ adwaman no sɛe ɔno ankasa ne onipadua. Monnim mo onipadua no Honhom Kronkron a ɔte mo mu, a Onyankopɔn na ɔde maa mo no asɔredan? Na monne mo ho; ɔtɔɔ mo aboɔden. Enti momfa mo onipadua no nhyɛ Onyankopɔn animuonyam.

Yei Onyankopɔn a ɔwɔ ma mo. Ɔpɛ moyɛ kronkron na motwe mo ho firi adwamammɔ ho. Ɛsɛ mosua sɛdeɛ mohyɛ mo ho so na obiara atumi ne ne yere atena kronnyɛ ne animuonyam so. Monntena ase akɔnnɔ anibereɛ so te wɔn a wɔnnim Onyankopɔn.

Nanso ɛnsɛ wɔte adwamammɔ anaa afideɛ anaa anibereɛ ho asɛm mo mu, ɛfiri yeinom mfata Onyankopɔn nkurɔfoɔ kronkron.

Na me deɛ, deɛ mereka ne : Obiara a ɔhunu ɔbaa na ne kɔn no nʼakoma mu no, abɔ adwaman.

Momma yɛmmɔ yɛn bra yie te nnipa a wɔte hann no mu a agobɔne anaa nsãborɔ, adwamammɔ anaa ahohwie, ɔko anaa anibereɛ nni mu.

Nsɛe awadeɛ.

" Mo mu biara nni ho ɛkwan ɔware obusuani a ɔbɛn no. Mene Awurade.

" Ɛnsɛ abaayewa ware nʼagya anaasɛ ɔbabarima ware ne maame.

" Anaa nʼagya yerenom mu bi.

" Anaa ne nuabaa anaa nʼagya babaa anaa ne maame babaa, wɔwoo no efie no mu anaa efie foforɔ mu.

" Ɛnsɛ moware mo nanabaa, ɔyɛ mo babarima babaa anaa mo babaa babaa, ɛfiri , ɔyɛ obusuani.

" Ɛnsɛ woware wo nuabaa a ɔyɛ wʼagya yerenom bi babaa.

" Anaa wo sewaawo agya nuabaa, ɛfiri , ɔyɛ wʼagya abusuani pɛɛ.

" Saa ara na ɛnsɛ woware wo maame a ɔyɛ wo maame nuabaa, ɛfiri , ɔyɛ wo maame abusuani pɛɛ.

" Wʼagya nuabarima yere nso, wonni ho ɛkwan woware no.

" Wonni ho ɛkwan woware wo babarima yere, ɛfiri , ɔyɛ wʼase.

" Saa ara nso na wontumi nnware wo nuabarima yere, ɛfiri , ɔyɛ wo nuabarima dea.

" Worentumi nware ɔbaa bi nsane nware ne babaa anaa ne nanabaa nka ho, ɛfiri , wɔn nyinaa abusuafoɔ pɛɛ na ɛyɛ awudisɛm nso.

" Ɛnsɛ woware anuanom mmaa baanu, ɛfiri , wɔbɛtwe kora. Na ɛba wo yere wu na woware ne nuabaa bi deɛ a, ɛyɛ.

" Ɛnsɛ wofa ɔbaa a wakɔ afikyire.

" Ɛnsɛ wofa wo yɔnko yere de gu wo ho fi.

" Mfa wo mma mu biara mma Molek na ɔmmfa no mmɔ afɔdeɛ n’afɔrebukyia so. Ngu wo Onyankopɔn din ho fi, ɛfiri , mene Awurade.

" Ɔbarima a ɔne ne yɔnko barima da akyiwadeɛ kɛseɛ na ɛyɛ bɔne a ɛso nso.

" Ɛnsɛ ɔbarima fa aboa de gu ne ho fi. Saa ara nso na ɛnsɛ ɔbaa de ne ho ma aboanini ma ɔfa no. Ɛyɛ akyiwadeɛ kɛseɛ.

Wɔka wɔyɛ anyansafoɔ nanso wɔyɛ nkwaseafoɔ. Ɛsɛ wɔsom Onyankopɔn onimuonyamfoɔ a ɔte daa no, wɔfaa nnua ne aboɔ yɛɛ ahoni te nnomaa, mmoadoma, awɔ ne nnipa somm wɔn.

Ɛno enti, Onyankopɔn gyaa wɔn maa afideɛ a ɛfiri wɔn akoma mu, ɛno enti, wɔne wɔn ho wɔn ho yɛɛ aniwudeɛ nso. Wɔde Onyankopɔn ho nokwasɛm no sesaa atorɔsɛm na wɔsomm abɔdeɛ sene Ɔbɔadeɛ a daa wɔkamfo no no. Amen.

Esiane saa enti, Onyankopɔn gyaa wɔn maa honam mu akɔnnɔ a ɛyɛ aniwudeɛ. Na mpo wɔn mmaa fa wɔn yɔnkonom mmaa. Saa ara nso na na mmarima ne mmaa nna, na mmom, bɔne akɔnnɔ hyɛɛ wɔn maa wɔne wɔn ho wɔn ho daeɛ nam so nyaa akatua a ɛsɛ wɔn.

Seja o primeiro