Vida eterna
A vida eterna é a promessa central do evangelho. Não se trata apenas de duração infinita, mas de qualidade de vida em comunhão com Deus, começando aqui e se estendendo pela eternidade.
O dom gratuito da vida eterna
A vida eterna é um presente de Deus, não resultado de obras humanas. É dada gratuitamente a quem crê em Jesus Cristo.
"Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no nyera na wanya nkwa a enni awiei.
"Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no nyera na wanya nkwa a enni awiei.
Na bɔne so akatua yɛ owu, nanso Onyankopɔn akyɛde yɛ nkwa a enni awiei, wɔ Kristo Yesu yɛn Awurade mu.
Na bɔne so akatua yɛ owu, nanso Onyankopɔn akyɛde yɛ nkwa a enni awiei, wɔ Kristo Yesu yɛn Awurade mu.
Na bɔne so akatua yɛ owu, nanso Onyankopɔn akyɛde yɛ nkwa a enni awiei, wɔ Kristo Yesu yɛn Awurade mu.
Na ɔkwan a wɔnam so benya nkwa a enni awiei ne sɛ, wobehu Onyankopɔn koro nokwafo no ne Yesu Kristo a wosomaa no baa asase so no!
Na ɔkwan a wɔnam so benya nkwa a enni awiei ne sɛ, wobehu Onyankopɔn koro nokwafo no ne Yesu Kristo a wosomaa no baa asase so no!
Eyi ne adanse no: Onyankopɔn ama yɛn nkwa a enni awiei; na saa nkwa no wɔ ne Ba no mu.
Na eyi na Kristo no ankasa ahyɛ yɛn ho bɔ no, nkwa a enni awiei no.
Nanso esiane saa nti, wahu me mmɔbɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a me a meyɛ ɔdebɔneyɛni a odi kan no, Kristo Yesu nam me so bɛda ne boasetɔ a enni awiei no adi akyerɛ wɔn a wobegye no adi no na wɔanya nkwa a enni awiei.
A certeza para quem crê
Quem está em Cristo tem a certeza de que passou da morte para a vida. Nada pode arrebatar o crente da mão de Deus.
"Mereka nokware akyerɛ mo se: Obiara a otie me nsɛm na ogye nea ɔsomaa me no di no wɔ nkwa a enni awiei. Wɔremmu no atɛn, efisɛ wafi owu mu aba nkwa mu. Mereka nokware bio sɛ, bere bi reba, na mpo saa bere no anya aba a awufo bɛte Onyankopɔn Ba no nne, na wɔn a wɔte ne nne no benya nkwa.
Nea ogye Ɔba no di no benya nkwa a ɛnsa da, na nea onnye no nni no rennya nkwa a ɛnsa da, na mmom Onyankopɔn asotwe da no so."
Nea ogye Ɔba no di no benya nkwa a ɛnsa da, na nea onnye no nni no rennya nkwa a ɛnsa da, na mmom Onyankopɔn asotwe da no so."
Na nea ɔsomaa me no apɛde ne sɛ mɛhwɛ wɔn a ɔde wɔn ama me no nyinaa so yiye na da a edi akyiri no, manyan wɔn ama wɔn nkwa foforo. MʼAgya apɛde ne sɛ obiara a ɔba me nkyɛn na ogye me di no benya nkwa a enni awiei, na da a edi akyiri no manyan no ama no nkwa foforo."
Mereka nokwasɛm akyerɛ mo se, nea ogye di no nya nkwa a enni awiei.
Me nguan te me nne, me nso minim wɔn na wodi mʼakyi. Mema wɔn nkwa a enni awiei a wɔrenwu da, na obi rentumi nhuam wɔn mfi me nsam.
Mema wɔn nkwa a enni awiei a wɔrenwu da, na obi rentumi nhuam wɔn mfi me nsam. MʼAgya a ɔde wɔn maa me no wɔ tumi sen obiara, na obiara rentumi nhuam wɔn mfi me nsam. Me ne Agya no yɛ baako."
Eyi ne adanse no: Onyankopɔn ama yɛn nkwa a enni awiei; na saa nkwa no wɔ ne Ba no mu. Obiara a ɔwɔ Ɔba no wɔ saa nkwa no, na obiara a onni Ɔba no nni nkwa no.
Nkwa A Enni Awiei
Merekyerɛw mo a mugye Onyankopɔn Ba no din di no eyi sɛnea ɛbɛma moahu sɛ mowɔ nkwa a enni awiei.
Nkwa A Enni Awiei
Merekyerɛw mo a mugye Onyankopɔn Ba no din di no eyi sɛnea ɛbɛma moahu sɛ mowɔ nkwa a enni awiei.
O caminho para a eternidade
Jesus é o caminho para a vida eterna. Crer nele, segui-lo e perseverar na fé são os passos que nos conduzem à eternidade com Deus.
nanso nea ɔbɛnom nsu a mede bɛma no no, osukɔm renne no bio da. Nsu a mede bɛma no no bɛyɛ sɛ asuti a ɛrenyow da wɔ ne mu, na ɛbɛma no nkwa a ɛrensa da."
Monnsɛe mo bere nyinaa mpere nhwehwɛ aduan a etumi sɛe no akyi kwan, na mmom mompere nhwehwɛ aduan a ɛtena hɔ daa a ɛma nkwa a enni awiei a Onipa Ba no de bɛma mo no akyi kwan. Efisɛ eyi nti na mʼAgya somaa me."
Nnipa no bisaa no se, "Dɛn na yɛnyɛ na yɛasɔ Onyankopɔn ani?"
Yesu buaa wɔn se, "Eyi ne nea Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ, munnye nea wasoma no no nni."
Simon Petro buaa no se, "Awurade, hena nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ nsɛm a ɛwɔ nkwa a enni awiei.
Ɔpon Ne Ɔkwan Hiahiaa No
"Ɔkwan teateaa no nko ara so na wubetumi afa akɔ ɔsoro! Ɔkwan a ɛkɔ ɔbonsam kurom no trɛw, na nʼapon nso mu bae ma nnipadɔm a wɔfa so kɔ ɔsɛe mu. Ɔpon a wowura mu de kɔ nkwa mu no yɛ hiahiaa na ɔkwan a wɔfa so no nso yɛ teateaa, na nnipa kakraa bi na wohu fa so.
Ɔpon Ne Ɔkwan Hiahiaa No
"Ɔkwan teateaa no nko ara so na wubetumi afa akɔ ɔsoro! Ɔkwan a ɛkɔ ɔbonsam kurom no trɛw, na nʼapon nso mu bae ma nnipadɔm a wɔfa so kɔ ɔsɛe mu. Ɔpon a wowura mu de kɔ nkwa mu no yɛ hiahiaa na ɔkwan a wɔfa so no nso yɛ teateaa, na nnipa kakraa bi na wohu fa so.
Sɛ woma wo kra som wo bo a, wobɛhwere wo kra no, nanso sɛ me nti wohwere wo kra a, wo nsa bɛka.
"Na wɔbɛkɔ asotwe a ɛto ntwa da mu, na atreneefo akɔ nkwa a enni awiei mu."
Yesu nso buaa no se, "Merema mo ate ase sɛ, obi nni hɔ a me nti wagyaw ofi, nuabarimanom, nuabeanom, ɛna, agya ne mma anaasɛ agyapade a ɔbɛkɔ akɔka Asɛmpa no, na ɔrennya ofi, nuabarimanom, nuabeanom, ɛnanom, mma ne nsase mmɔho ɔha, na ɔrennya ɔtaa nso nka ho! Eyinom nyinaa bɛyɛ ne dea wɔ asase yi so, na wiase a ɛreba no mu de, obenya nkwa a enni awiei.
Mmaranimfo Bi Asɛmmisa
Mmaranimfo bi pɛɛ sɛ ɔsɔ Yesu hwɛ nti obisaa no se, "Kyerɛkyerɛfo, menyɛ dɛn na manya nkwa a enni awiei?"
Yesu nso bisaa no se, "Dɛn na wɔakyerɛw wɔ Mose mmara no mu? Na wote ase dɛn?"
Obuaa no se, "Mmara no ka se, ‘Fa wo koma, ne wo kra, ne wʼahoɔden, ne wʼadwene nyinaa dɔ Awurade, wo Nyankopɔn, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!’ "
Yesu ka kyerɛɛ no se, "Woabua no yiye. Yɛ eyinom na wubenya nkwa."
Bɔ gyidi mu mmirikatu no ho mmɔden na pere nya nkwa a enni awiei no ma wo ho, efisɛ saa abrabɔ yi nti na bere a wodaa wo gyidi adi wɔ nnansefo bebree anim no, Onyankopɔn frɛɛ wo.
Bɔ gyidi mu mmirikatu no ho mmɔden na pere nya nkwa a enni awiei no ma wo ho, efisɛ saa abrabɔ yi nti na bere a wodaa wo gyidi adi wɔ nnansefo bebree anim no, Onyankopɔn frɛɛ wo.
Perseverança e glória futura
A vida eterna exige perseverança. Os sofrimentos presentes não se comparam com a glória que será revelada. Deus nos guardará até o fim.
Wɔn a wɔde boasetɔ yɛ papa de hwehwɛ anuonyam, nidi ne nea ɛmporɔw no, ɔbɛma wɔn nkwa a enni awiei.
enti sɛnea bɔne di nnipa so de wɔn kɔ owu mu no, saa ara na adom no nam trenee so de daa nkwa a ɛwɔ Yesu Kristo, yɛn Awurade mu bɛba no.
Daakye Anuonyam
Minim sɛ amane a yɛrehu no saa bere yi nyɛ nea wɔde toto anuonyam a wɔbɛhyɛ yɛn no ho.
Na saa ɔhaw kakra a yɛfa mu no de anuonyam a enni awiei a ɛboro saa ɔhaw no so no bɛbrɛ yɛn.
Yɛmfa yɛn adwene nkɔ nneɛma a yehu so, na mmom, nneɛma a yenhu so na yɛde yɛn adwene kɔ. Nea wotumi hu no ntena hɔ nkyɛ, nanso nea wontumi nhu no tena hɔ daa.
Monnnaadaa mo ho; obiara rentumi nsi Onyankopɔn atwetwe. Nea onipa dua no, ɛno ara na otwa. Sɛ mudi mo akɔnnɔ bɔne akyi a mobɛkɔ ɔsɛe mu, nanso sɛ monantew Honhom mu a, mubenya daa nkwa.
Sɛ mudi mo akɔnnɔ bɔne akyi a mobɛkɔ ɔsɛe mu, nanso sɛ monantew Honhom mu a, mubenya daa nkwa.
Enti otumi gye wɔn a wɔnam ne so ba Onyankopɔn nkyɛn no nnɛ ne daa, efisɛ, ɔte hɔ daa srɛ Onyankopɔn ma wɔn.
Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa anuonyam mu wɔ Kristo mu no, ɔno ara na sɛ munya hu amane kakra ansa a, obesiesie mo pɛ; ɔbɛma mo ase atim; ɔbɛhyɛ mo den; ɔbɛma moanya nnyinaso.
Enti, mo a moyɛ me nnamfonom, mitu mo fo sɛ, monkɔ so mmia mo gyidi mu. Mommɔ mpae wɔ Honhom Kronkron no tumi mu, na montena Onyankopɔn dɔ mu bere a moretwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo wɔ nʼahummɔbɔ mu ama wama mo nkwa a enni awiei no.
A eternidade com Deus
A Bíblia descreve a plenitude da vida eterna: sem dor, sem lágrimas, em perfeita comunhão com Deus para sempre.
Metee nne dennen bi fi ahengua no so se, "Afei, Onyankopɔn atenae wɔ nnipa mu. Ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne nkurɔfo. Onyankopɔn no ankasa ne wɔn bɛtena na wayɛ wɔn Nyankopɔn. Na ɔbɛpepa wɔn aniwa mu nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nni hɔ bio. Na kan nneɛma no atwa mu."
Awurade Nyankopɔn Tumfo no se, "Mene Alfa ne Omega). Ne tumi di biribiara so wɔ adesa abakɔsɛm nyinaa mu. (22.13). a ɔwɔ hɔ mprempren na ɔwɔ hɔ dedaw na ɔyɛ nea ɔrebɛba no."
Nnipadɔm a wɔadeda fam wɔ dɔte mu no benyan: ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom nso akɔ aniwu ne daa ahohora mu. Wɔn a wɔyɛ anyansafo no bɛhyerɛn te sɛnea ɔsoro hyerɛn, na wɔn a wɔdan afoforo kɔɔ trenee mu no bɛhyerɛn sɛ nsoromma, daapem.
Efisɛ, Awurade pɛ nea ɛteɛ,
na ɔrennyaw ne nkurɔfo anokwafo no.
Wobenya bammɔ daa nyinaa.
Nanso amumɔyɛfo asefo de, wobetwa wɔn agu.
Hwehwɛ me mu, Onyankopɔn, na hu me koma;
sɔ me hwɛ, na hu mʼadwene.
Hwɛ sɛ bɔne bi wɔ me mu a,
na di mʼanim fa daa nkwa kwan so.
Wɔde ma dwonkyerɛfo.
Na obiara a ohu me no nya nkwa,
na onya anisɔ fi Awurade nkyɛn.
Wiase ne mu akɔnnɔde retwa mu, nanso nea ɔyɛ Onyankopɔn apɛde no tena hɔ daa.