Vida
A vida é um dom precioso de Deus. Desde a concepção até a eternidade, as Escrituras revelam o propósito, o valor e a plenitude da vida que o Senhor nos oferece.
Deus, o autor da vida
O Senhor é quem dá a vida e a sustenta. Cada ser humano foi formado por suas mãos com propósito e intenção divina.
Awurade Nyankopɔn de asase no so dɔte nwen onipa, na ɔhomee nkwa home guu ne hwenem, maa onipa no bɛyɛɛ ɔteasefo.
Na wo na wobɔɔ me honhom
wonwen me wɔ me na awotwaa mu.
Mekamfo wo, efisɛ woyɛɛ me anwonwakwan so a ɛyɛ hu;
wo nnwuma yɛ nwonwa.
Minim ɛno yiye pa ara.
Wɔamfa me bɔbea anhintaw wo
bere a wɔyɛɛ me kokoa mu no;
bere a wɔnwenee me wɔ asase bun mu no,
wʼani huu me, bere a meyɛ mogyatɔw no.
Nna dodow a woatwa ama me no,
wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ wo nhoma mu
ansa na mu baako reba mu.
Wo nkyɛn na nkwa asuti wɔ;
wo hann mu na yehu hann.
Mɛto dwom ama Awurade me nkwa nna nyinaa;
sɛ mete ase yi, mɛto ayeyi dwom ama me Nyankopɔn.
A vida em Cristo
Jesus é o caminho, a verdade e a vida. Nele encontramos sentido, plenitude e a promessa de vida abundante e eterna.
Yesu buae se, "Mene ɔkwan ne nokware ne nkwa no; obi ntumi nkɔ Agya no hɔ, gye sɛ ɔfa me so."
Owifo ba a, obewia anaasɛ obedi awu anaasɛ ɔbɛsɛe ade. Me de, maba sɛ ɛbɛyɛ a mubenya nkwa a edi mu.
Yesu ka kyerɛɛ no se, "Me na minyan awufo ma wɔn nkwa. Obiara a ogye me di no sɛ wawu mpo a ɔbɛsan anya nkwa. Na obiara a ɔte ase na ogye me di no renwu da. Wugye eyi di ana?"
Yesu kae se, "Mene brodo a ɛma nkwa no. Obiara a ɔba me nkyɛn na ogye me di no, ɔkɔm anaa osukɔm renne no da.
Na Kyerɛwsɛm no ka se, ‘Obiara a ogye me di no, nsu a ɛma nkwa bɛsen afi ne mu.’ "
enti ɛnyɛ me na mete ase bio, na mmom Kristo no na ɔte me mu. Saa asetena a mete mu mprempren yi, mete ase wɔ Onyankopɔn Ba no a ɔdɔ me na ɔde ne nkwa maa me no gyidi mu.
enti ɛnyɛ me na mete ase bio, na mmom Kristo no na ɔte me mu. Saa asetena a mete mu mprempren yi, mete ase wɔ Onyankopɔn Ba no a ɔdɔ me na ɔde ne nkwa maa me no gyidi mu.
Vivendo com sabedoria
A Bíblia nos orienta a viver com sabedoria, aproveitando bem o tempo, guardando o coração e buscando a vontade de Deus para cada dia.
Ma yenhu yɛn nna kan sɛnea ɛte,
na yɛanya nyansa koma.
Me ba, tie na fa nea meka no,
na wo nkwanna bɛyɛ bebree.
Ne nyinaa akyi, bɔ wo koma ho ban,
efisɛ, ɛno ne wo nkwa asuti.
Ne nyinaa akyi, bɔ wo koma ho ban,
efisɛ, ɛno ne wo nkwa asuti.
Nea onya nyansa no dɔ ne kra;
nea ɔpɛ nhumu no nya nkɔso.
Nea ɔkora nʼano no kora ne nkwa so,
nanso nea ɔkasa a onsusuw ho no bɛba ɔsɛe mu.
Nea otie ntetew pa no kyerɛ nkwa kwan,
na nea ɔpo nteɛso no di afoforo anim yera kwan.
Awurade suro yɛ nkwa asuti,
eyi onipa fi owu afiri mu.
Nea otiw trenee ne ɔdɔ no
nya nkwa, yiyedi ne anuonyam.
Enti monhwɛ mo akwan yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ wɔn a wonim nyansa. Monyɛ mo akwannya biara so ade, efisɛ, nna yi yɛ nna bɔne.
A vida no dia a dia
Cada dia é uma oportunidade de glorificar a Deus. A Escritura nos chama a viver com propósito, confiança e fé prática.
Kyerɛ me wʼakwan, Awurade,
na minhu wʼatempɔn.
Yiye ne adɔe nko na ebedi mʼakyi
me nkwanna nyinaa;
na mɛtena Awurade fi
daa.
Me honam, ne me koma bedi me huammɔ,
nanso Onyankopɔn ne me koma ahoɔden
ne me kyɛfa daa nyinaa.
Awurade bɛbɔ wo ho ban afi ɔsɛe nyinaa ho,
ɔbɛhwɛ wo nkwa so;
Awurade bɛhwɛ wʼadifi ne wo fieba so
mprempren ne daa.
Sɛ woyɛ me botan ne mʼaban nti,
wo din nti di mʼanim na kyerɛ me kwan.
Ade baako na mibisa Awurade;
na ɛno na mehwehwɛ;
sɛ mɛtena Awurade fi
me nkwanna nyinaa,
na mahwɛ Awurade ahoɔfɛ
na mahwehwɛ no wɔ nʼasɔrefi.
Yɛ komm wɔ Awurade anim na tɔ wo bo ase twɛn no,
nhaw wo ho wɔ wɔn a asi wɔn yiye ho
efisɛ wɔnam bɔne akwan so.
Me werɛ remfi wo nkyerɛkyerɛ no,
efisɛ ɛno so na wonam akyɛe me nkwa so.
Prioridades e eternidade
Jesus nos lembra que a vida é mais que comida e o corpo mais que roupa. O que importa é buscar o Reino de Deus e viver para a eternidade.
"Eyi nti na mitu mo fo se, munnnwinnwen nea mubedi anaa nea mobɛnom anaa nea mubefura ho. Mowɔ ɔkra ne nipadua a ɛsom bo sen nea mubedi ne nea mubefura. Monhwɛ wim nnomaa, wonnua aba na wontwa aba mmoaboa ano mfa nsie, nanso mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no ma wɔn aduan di. Monnsom bo nsen wɔn ana? Mo mu hena na ɔdwene a adwennwene no betumi ato ne nkwa nna so simmasin mpo?
Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a mfaso bɛn na obenya?
Ahopaakyi
Afei ɔfrɛɛ nʼasuafo no ne nnipakuw no baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn se: "Sɛ obi pɛ sɛ odi mʼakyi a ɛsɛ sɛ ɔpa ne ho akyi, na ɔsoa nʼasennua, na odi mʼakyi. Nea ɔma ne kra som no bo no, ebefi ne nsa. Na nea me ne asɛmpa no nti, ɔbɛhwere ne kra no, wobegye no nkwa. Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a mfaso bɛn na obenya? Dɛn na ɛsom bo sen ne kra? Na obiara a saa nnabɔne yi mu nʼani wu me ne me nsɛm ho no, ne ho bɛyɛ me, Onipa Ba no aniwu, bere a me ne mʼabɔfo kronkron no bɛsan aba wɔ mʼAgya anuonyam mu no."
Ɔtoaa so se, "Monhwɛ mo ho yiye wɔ adifudepɛ ho efisɛ onipa nkwa nnyina nʼahonya dodow a ɔwɔ so."
Na ɔkwan a wɔnam so benya nkwa a enni awiei ne sɛ, wobehu Onyankopɔn koro nokwafo no ne Yesu Kristo a wosomaa no baa asase so no!
Na bɔne so akatua yɛ owu, nanso Onyankopɔn akyɛde yɛ nkwa a enni awiei, wɔ Kristo Yesu yɛn Awurade mu.
Monnyɛ mo ho sɛ wiasefo wɔ mo abrabɔ mu, na mmom momma Onyankopɔn nsakra mo adwene wɔ mo mu, na moanya adwene foforo, na ɛnam so ama moahu Onyankopɔn apɛde, nea eye, nea ɛsɔ nʼani ne nea ewie pɛyɛ.
Efisɛ yɛn nkwa gyina gyidi so na ennyina nea yehu so.
Mo ne nnipa nyinaa ntena ase asomdwoe mu, na mommɔ mmɔden ntena ase trenee mu. Anyɛ saa a, morenhu Awurade.
Momma ɛnyɛ mo botae sɛ mobɛtena ase dinn na moahwɛ so adi mo dwuma de abɔ mo ho akɔnhama sɛnea yɛaka akyerɛ mo dedaw no. Sɛ moyɛ saa a ɛbɛma wɔn a wɔnyɛ asuafo no afɛre mo na moremmisa nea ehia mo nso mfi obiara nkyɛn.
Biribiara a moyɛ no, momfa mo koma nyinaa nyɛ na momfa no sɛ moreyɛ ama Awurade na monnyɛ mma nnipa. Monkae sɛ Awurade bɛkyɛ mo so ade. Mo nsa bɛka ade a ɔde asie ama ne nkurɔfo no bi. Kristo ne owura a mosom no.
Sɔhwɛ
Nhyira nka onipa a onya gyidi wɔ amanehunu mu, efisɛ ɔno na obenya akyɛde a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ ama wɔn a wɔdɔ no no.
Nyansa A Efi Ɔsoro
Obi wɔ mo mu a onim nyansa na ɔwɔ ntease? Ɛsɛ sɛ ɔnam abrabɔ pa, nnwuma pa a wɔnam ahobrɛase ne nyansa so, da no adi.
Efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se,
"Obiara a ɔpɛ sɛ ɔtena ase yiye
na ohu nna pa no,
ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne,
na ɛsɛ sɛ ogyae atorotwa.
Ɛsɛ sɛ ɔtew ne ho fi bɔne ho na ɔyɛ papa
na ɔhwehwɛ asomdwoe na odi akyi.
Momma nea ɛhome nyinaa nkamfo Awurade.
Monkamfo Awurade.
Biribiara Wɔ Ne Bere
Biribiara wɔ ne bere,
na dwumadi biara a ɛwɔ ɔsoro ase wɔ ne bere.
Na Sɛ mutie Awurade, mo Nyankopɔn no, mmara a merehyɛ ama mo nnɛ yi, nam so dɔ Awurade, mo Nyankopɔn, nantew nʼakwan mu, di ne mmara so a, mubenya nkwa na mo ase adɔ, na Awurade, mo Nyankopɔn behyira mo wɔ asase a morekɔ akɔtena so no so.
Di wʼagya ne wo na ni na wo nna aware wɔ asase a Awurade, wo Nyankopɔn, de rema wo no so.
Yɛn nkwa nna si mfe aduɔson,
anaasɛ aduɔwɔtwe, sɛ yɛwɔ ahoɔden a;
na mu ahohoahoade yɛ ɔhaw ne awerɛhow,
na etwa mu ntɛmntɛm, na yetu kɔ.
"Awurade, ma minhu me nkwa awiei
ne me nna dodow;
ma minhu sɛnea me nkwa si twa mu ntɛm so.
Woayɛ me nna sɛ nsateaa baako pɛ;
na me mfe dodow nyɛ hwee wɔ wʼani so.
Onipa nkwa yɛ ɔhome bi kɛkɛ.
Onipa redi akɔneaba nyinaa no, ɔte sɛ sunsuma bi kwa;
ɔhaw ne ho nanso ɔyɛ kwa;
ɔboa ahonya ano na onnim nea ɛbɛyɛ ne de.
Mo mu hena na ɔpɛ nkwa
na ɔpɛ sɛ ohu nna pa bebree?
Ɛne ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne, na ɛsɛ sɛ ogyae atorotwa.
Twe wo ho fi bɔne ho, na yɛ papa;
hwehwɛ asomdwoe na tiw no.
Dwen yɛ anuonyam abotiri;
trenee mu asetena na ɛde ba.
Sɛnea nsu yi animdua kyerɛ no,
saa ara na onipa koma da onipa no adi.