Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 39

Dawid dwom.

1 Mekae se, "Mɛhwɛ mʼakwan yiye

na mamfa me tɛkrɛma anyɛ bɔne;

mɛto mʼano nnareka

bere a amumɔyɛfo bɛn me yi.

2 Enti meyɛɛ komm

a manka asɛm papa biara mpo

nanso mʼapinisi mu yɛɛ den.

3 Me koma ho guan no me mu.

Midwinnwen no, ogya dɛwee;

afei mede me tɛkrɛma kasae se:

4 "Awurade, ma minhu me nkwa awiei

ne me nna dodow;

ma minhu sɛnea me nkwa si twa mu ntɛm so.

5 Woayɛ me nna nsateaa baako ;

na me mfe dodow nyɛ hwee wʼani so.

Onipa nkwa ɔhome bi kɛkɛ.

6 Onipa redi akɔneaba nyinaa no, ɔte sunsuma bi kwa;

ɔhaw ne ho nanso ɔyɛ kwa;

ɔboa ahonya ano na onnim nea ɛbɛyɛ ne de.

7 "Afei Awurade, dɛn na merehwehwɛ?

Mʼanidaso wo mu.

8 Gye me fi me bɔne nyinaa mu;

mma mennyɛ nkwaseafo aserewde.

9 Meyɛɛ komm, na mammue mʼano,

efisɛ wo na woayɛ eyi.

10 Yi wʼasotwe fi me so;

wo nsa ano amanehunu amene me.

11 Woka nnipa anim, na wotwe wɔn aso wɔn bɔne ho;

wosɛe wɔn ahonya te nwewee;

onipa biara ɔhome kɛkɛ.

12 "Awurade, tie me mpaebɔ,

tie me sufrɛ;

nsiw wʼaso me su ho.

Me ne wo te ɔnanani,

sɛnea na mʼagyanom nyinaa te no.

13 Yi wʼani fi me so na manya nkwa bio,

ansa na mafi ha a mente ase bio."

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Veja também