15 Munnim sɛ mo nipadua no yɛ Kristo nipadua no akwaa bi ana? Memfa Kristo nipadua akwaa bi mmɔ obi a ɔbɔ aguaman nipadua ho ana? Dabi da. 16 Anaa ebia na munnim sɛ onipa a ɔde ne ho bɔ nguamanfo ho nso yɛ oguamanfo? Kyerɛwsɛm no da no adi sɛ, "Wɔn baanu no nyinaa yɛ nipadua koro." 17 Nanso onipa a ɔde ne ho bata Awurade ho no ne no yɛ baako wɔ honhom mu.