Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Coríntios 9

6 Monkae saa asɛm yi: Onipa a ogu aba kakraa bi no, betwa so kakraa bi, na nea ogu aba bebree no, betwa so bebree. 7 Mo mu biara mma sɛnea wadwene ho no, a ɛnyɛ ɔyaw anaa ɔhyɛ mu, efisɛ Onyankopɔn obi a ɔde anigye ma akyɛde no asɛm. 8 Na Onyankopɔn betumi ama wo aboro nea ɛho hia wo no so; enti daa na wowɔ nea ɛho hia wo, na wubenya bi nso adi dwuma foforo a ɛfata wudi. 9 Kyerɛwsɛm no ka se

"Ofi ne koma mu ma ahiafo nea wohia;

nʼadɔe no tena daa."

10 Na Onyankopɔn a ɔma ogufo no aba ne brodo aduan di no bɛma wo nso aba a ehia wo nyinaa na wahwɛ so ama anyin na wʼadɔe no nti, asow bebree. 11 Daa ɔbɛhwɛ ma woanya wo ho na woayɛ adɔe, na ɛnam so ama dodow no ara ada Onyankopɔn ase akyɛde a yenya fi mo nkyɛn no ho.

12 Saa adɔe a moyɛ yi, monnyɛ mma Onyankopɔn nkurɔfo nko, na mmom, anam so ama nnipa bebree ada Onyankopɔn ase.

Veja também