Pular para o conteúdo
Publicidade

Eclesiastes 1

Biribiara Adehuhuw

1 Eyinom ne nsɛm a Ɔsɛnkafo, ɔhene Dawid babarima a ɔyɛ ɔhene Yerusalem se:

2 "Ahuhude! Ahuhude!"

Ɔsɛnkafo no na ose.

"Ahuhude mu ahuhude

Biribiara ahuhude."

3 Dɛn na onipa nya fi nʼadwumayɛ nyinaa mu,

nea okum ne ho no owia so no?

4 Awo ntoatoaso ba na ɛkɔ,

nanso asase tim daa.

5 Owia pue na owia kɔtɔ,

na ɛyɛ ntɛm nea epue fii no.

6 Mframa anafo fam

na ɛdan hwɛ atifi fam;

ekyinkyin baabiara,

na ɛsan fa ne kwan so.

7 Nsubɔnten nyinaa sen kogu po mu,

nanso po nyɛ ma da.

Faako a nsubɔnten no fi no

na wɔsan bio.

8 Biribiara ɔbrɛ

a ɛboro nea obi bɛka so.

Ani nhwɛ ade nwie da

na aso nso ntie nsɛm mma ɛnyɛ mma da.

9 Nea aba no bɛba bio,

nea wɔayɛ no, wɔbɛyɛ bio;

ade foforo biara nni owia yi ase.

10 Biribi a wobetumi aka ho se:

"Hwɛ! eyi ade foforo" ana?

Ɛwɔ dedaw fi tete nteredee;

ɛwɔ ansa na wɔwoo yɛn.

11 Wɔnkae tetefo no,

na wɔn a wonnya nnwoo wɔn no nso,

wɔn a wobedi wɔn akyi no

renkae wɔn.

Nimdeɛ Ahuhude

12 Me, Ɔsɛnkafo, na meyɛ Israelhene Yerusalem. 13 Mituu me ho sii mede nimdeɛ besua ayɛ nhwehwɛmu biribiara a wɔyɛ no owia yi ase ho. Adesoa duruduru a Onyankopɔn de ato adesamma so! 14 Mahu biribiara a wɔyɛ no owia yi ase; ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛnea obi tu mmirika taa mframa.

15 Nea akyea no wontumi nteɛ;

na nea enni no wontumi nkan.

16 Mekaa me tirim se, "Hwɛ, manyin na manya nimdeɛ bebree asen obiara a watena Yerusalem ahengua so ansa na merebedi ade. Manya nhumu ne nimdeɛ mu osuahu." 17 Afei meyɛɛ mʼadwene mɛhwehwɛ na mate nimdeɛ, ne adammɔsɛm ne nkwaseasɛm ase. Nanso mihuu eyi nso te sɛnea obi tu mmirika taa mframa.

18 Nimdeɛ bebree de awerɛhow na ɛba;

nyansa dɔɔso a, awerɛhowdi dɔɔso.

Veja também