Pular para o conteúdo
Publicidade

Gênesis 12

Onyankopɔn Frɛ Abraham

1 Awurade ka kyerɛɛ Abram se, "Fi wʼabusuafo nkyɛn ne wʼasase so asase a mɛkyerɛ wo no so.

2 "Mɛma wo ayɛ ɔman kɛse,

na mehyira wo.

Mɛma wo din atrɛw,

na woayɛ nhyira ama nnipa bebree.

3 Mehyira wɔn a wohyira wo,

na obiara a ɔdome wo no, mɛdome no.

Ɛnam wo so na wobehyira

nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa."

4 Enti Abram kɔe, sɛnea Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ no no. Na Lot ne no kɔe. Bere a Abram refi Haran asase so akɔ no, na wadi mfe aduɔson anum. 5 Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nuabarima Haran babarima Lot, nʼagyapade ne nʼasomfo a onyaa wɔn Haran nyinaa, sii mu kɔɔ Kanaan asase so.

6 Wɔfaa asase no so ara kosii baabi a wɔfrɛ Sekem, koduu odum dua bi a esi baabi a wɔfrɛ More. Ɛhɔ na wosii wɔn ntamadan. Saa bere no, na Kanaanfo na wɔte asase no so. 7 Afei, Awurade Nyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Abram ka kyerɛɛ no se, "Mede saa asase yi bɛma wʼaseni." Enti Abram sii afɔremuka , de kaee Awurade Nyankopɔn a ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ no no.

8 Akyiri no, Abram fii , de nʼani kyerɛɛ mmepɔw bi a ɛwɔ apuei fam, sii ne ntamadan . Na Bet-El da atɔe fam, na Ai nso da apuei fam. Ɛhɔ na osii afɔremuka maa Awurade Nyankopɔn, sɔree no .

9 Na Abram fii toaa so de nʼani kyerɛɛ Negeb.

Abram Ne Sarai Misraim

10 Saa bere no, ɔkɔm kɛse bi sii asase a na Abram te so no so. Enti otu kɔtenaa Misraim12.10 Asuten a ɛdeda Misraim no nti, ɔpɛ dennen no anka no. asase so kakra, efisɛ ɔkɔm a ɛbaa asase no so no, na ano den yiye. 11 Ɔreyɛ adu Misraim asase so no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai se, "Minim woyɛ ɔbea a wo ho yiye. 12 Misraimfo no hu wo a, wɔbɛka se, Ne yere ni. Momma yenkum no, na yɛmfa no.13 Na woka woyɛ me nuabea a, Misraimfo no bɛhwɛ me yiye, efisɛ wɔn ani wo ho nti wɔrenkum me."

14 Bere a woduu Misraim asase so no, Misraimfo no huu ɔbea no ho yiye. 15 Na ɔhene Farao mpanyimfo huu no no, wɔkamfoo nʼahoɔfɛ, kɔbɔɔ no amanneɛ. Enti ɔhene Farao soma ma wɔkɔfaa ɔbea no baa nʼahemfi . 16 Esiane ɔbea no ahoɔfɛ nti, ɔhene Farao hwɛɛ Abram yiye, maa no nguan, anantwi, afurumnini ne afurumbere, nkoa, mfenaa ne yoma.

17 Na esiane Abram yere Sarai te a na ɔte Farao ahemfi no nti, Awurade Nyankopɔn maa ɔyaredɔm baa Farao ne ne fifo so. 18 Eyi nti, Farao frɛɛ Abram bisaa no se, "Dɛn na woayɛ me yi? Adɛn nti na woanka ankyerɛ me ɔbea no wo yere? 19 Adɛn nti na wokae se, Ɔyɛ me nuabeana woama maware no? saa na ɛte de a, gye wo yere. Wo yere ni! Fa wʼade !" 20 Na Farao hyɛɛ asraafo wonkogya Abram ne ne yere kwan a wɔn fifo ne wɔn agyapade nyinaa ka ho.

Veja também