Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Mose (Gyenesis) 2

Onyankopɔn Hawa

18 Afei Awurade Nyankopɔn kae se, "Enye onipa nko tena; mɛbɔ ɔboafo a ɔfata no ama no."

19 Saa bere no na Awurade Nyankopɔn de mfutuma abɔ wuram mmoa ne wim nnomaa nyinaa. Enti, ɔde wɔn brɛɛ onipa ɔnhwehwɛ din ko a ɔde bɛtoto wɔn; na din a onipa de too abɔde a nkwa mu biara no, ɛno ara na ɛyɛɛ din a wɔde frɛɛ no. 20 Enti onipa totoo nyɛmmoa, wim nnomaa ne wuram mmoa no nyinaa din.

Nanso onipa de, wannya ɔboafo a ɔfata. 21 Enti Awurade Nyankopɔn maa onipa daa nnahɔɔ. Bere a onipa daa saa no, oyii ne mfe mu mparow baako, na ɔde honam taree baabi a oyii mparow no. 22 Afei Awurade Nyankopɔn de mfe mu mparow baako a oyi fii onipa mu no bɔɔ ɔbea, de no maa onipa no.

23 Na Adam kae se,

"Mʼankasa me dompe

ne me honam bi ni.

Wɔbɛfrɛ oyi ɔbea efisɛ

ɔbarima mu na woyii no fii."

24 Eyi nti na ɔbarima gyaw nʼagya ne ne na de ne ho kɔbɔ ne yere ho sɛnea wɔn baanu no bɛyɛ nnipa koro.

Veja também