Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Mose (Gyenesis) 2

21 Enti Awurade Nyankopɔn maa onipa daa nnahɔɔ. Bere a onipa daa saa no, oyii ne mfe mu mparow baako, na ɔde honam taree baabi a oyii mparow no. 22 Afei Awurade Nyankopɔn de mfe mu mparow baako a oyi fii onipa mu no bɔɔ ɔbea, de no maa onipa no.

23 Na Adam kae se,

"Mʼankasa me dompe

ne me honam bi ni.

Wɔbɛfrɛ oyi ɔbea efisɛ

ɔbarima mu na woyii no fii."

24 Eyi nti na ɔbarima gyaw nʼagya ne ne na de ne ho kɔbɔ ne yere ho sɛnea wɔn baanu no bɛyɛ nnipa koro.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também