Pular para o conteúdo
Publicidade

Gênesis 22

Wɔsɔ Abraham Hwɛ

1 Nna bi akyi no, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛe. Ɔfrɛɛ Abraham se, "Abraham!"

Abraham buae se, "Me ni!"

2 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, "Fa wo ba, wo ba koro Isak a wodɔ no no Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyew afɔre mmepɔw a ɛwɔ no mu baako a mɛkyerɛ wo no so."

3 Abraham sɔree anɔpatutuutu hyehyɛɛ nʼafurum. Ɔfaa ne nkoa no mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho. Otwitwaa ogya a ɛbɛso ɔhyew afɔre no no, osii mu kɔɔ faako a Onyankopɔn kyerɛɛ no ɔnkɔ no. 4 Ne nnansa so no, Abraham too nʼani huu baabi a ɔrekɔ no akyirikyiri. 5 Na Abraham ka kyerɛɛ ne nkoa no se, "Mo ne afurum no ntwɛn ha, na me ne abarimaa no nkɔ anim kakra nkɔsom. yɛsom wie a, yɛbɛsan aba."

6 Abraham faa nnyina a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre no de soaa ne ba Isak. Na ɔno nso faa ogya ne sekan kurae. Bere a wɔrekɔ no, 7 Isak frɛɛ nʼagya Abraham se, "Agya!"

Na Abraham buae se, "Me ba, asɛm bɛn?"

Isak bisaa no se, "Ogya ne nnyina no ni, na oguamma a yɛde no rekɔbɔ ɔhyew afɔre no he?"

8 Abraham buae se, "Onyankopɔn no ankasa bɛma yɛn afɔre guan no a yɛde rekɔbɔ ɔhyew afɔre no." Na wɔn baanu no toaa so kɔe.

9 Wokoduu faako a Onyankopɔn kyerɛɛ no no, Abraham sii afɔremuka , hyehyɛɛ nnyina no so. Ɔkyekyeree ne ba Isak, de no too nnyina no so afɔremuka no so. 10 Abraham twee sekan no, maa so ɔde rebetwa ne ba no mene akum no. 11 Ɛhɔ ara na Awurade bɔfo frɛɛ no fi ɔsoro se, "Abraham! Abraham!"

Na Abraham gyee so se, "Me ni."

12 Awurade bɔfo no kae se, "Mfa wo nsa nka abofra no. Nyɛ no bɔne biara. Esiane woamfa wo dɔba, wo ba koro no ankame me no nti, mahu wusuro Onyankopɔn."

13 Abraham maa nʼani so huu nkyɛkyerɛ bi aso Odwennini bi mmɛn mu wura no mu . Abraham kɔkyeree Odwennini no de no bɔɔ ɔhyew afɔre afɔremuka no so sii ne ba no anan mu. 14 Abraham too beae no din se Awurade De Bɛma. Ebesi nnɛ no wɔka se, "Wɔde bɛma Awurade bepɔw no so."

15 Awurade bɔfo no frɛɛ Abraham fii ɔsoro nea ɛto so abien kae se, 16 "Maka me ho ntam se, esiane woayɛ eyi, na woamfa wo ba, wo ba koro no ankame me nti, 17 hyira na mehyira wo na mama wʼase adɔ ɔsoro nsoromma ne mpoano nwea. Na wʼasefo begye wɔn atamfo nkuropɔn adi so. 18 Wɔnam wʼasefo so na wobehyira wiase amanaman nyinaa, efisɛ woadi mʼasɛm so."

19 Na Abraham san kɔɔ nʼasomfo no nkyɛn ne wɔn sii mu kɔɔ Beer-Seba kɔtenaa .

Nahor Mma

20 Nna bi akyi no, wɔka kyerɛɛ Abraham se, "Milka nso ɔbeatan a wawo mmabarima ama wo nuabarima Nahor:

21 Us abakan, Us nuabarima a odi so ne Bus.

Kemuel a ɔto so abiɛsa na ɔwoo Aram.

22 Wɔn a wɔaka no ne Kesed, Haso, Pildas, Yidlaf ne Betuel."

23 Betuel bɛyɛɛ Rebeka nʼagya.

Milka ne Abraham nua Nahor na wɔwowoo saa mmabarima baawɔtwe yi.

24 Nahor ne ne mpena Rehuma nso woo mma baanan a wɔn din de,

Teba, Gaham, Tahas ne Maaka.

Veja também