Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Mose (Gyenesis) 4

12 woyɛ asase no so adwuma dɛn ara a, worennya nnɔbae biara mfi so. Wobɛyɛ ɔkobɔfo, akyinkyin asase so."

13 Kain kae se, "Awurade mʼasotwe boro me so. 14 Nnɛ, woapam me afi asase so ne wʼanim. Mɛyɛ ɔkobɔfo akyinkyin asase so na obiara a obenya me no bekum me."

15 Nanso Awurade ka kyerɛɛ no se, "Ɛnte saa koraa! Obiara a obekum Kain no benya Kain asotwe no mpɛn ason." Afei, Awurade hyɛɛ Kain agyirae bi sɛnea ɛbɛyɛ a, obiara a obehyia no no renkum no. 16 Enti Kain guan fii Awurade anim, kɔtenaa Nod asase so Eden apuei fam.

Veja também