3 Nna bi akyi no, Kain de nʼafum nnɔbae bi kɔbɔɔ Awurade afɔre. 4 Habel nso de ne nyɛmmoa no mu mmakan a wɔadodɔ srade kɔbɔɔ Onyankopɔn afɔre. Awurade ani sɔɔ Habel afɔrebɔ no. 5 Nanso Kain afɔrebɔ no de, nʼani ansɔ. Asɛm no anyɛ Kain dɛ, na ne bo fuwii.
6 Awurade bisaa Kain se, "Adɛn nti na wo bo afuw? Adɛn nti na woamuna saa? 7 Sɛ woyɛ ade pa a, anka wɔrennye wo nto mu ana? Sɛ wonyɛ ade pa de a, bɔne gyina wo pon ano, ɛrehwehwɛ wo ako atia wo, nanso ɛsɛ sɛ wudi no so."