Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Mose (Gyenesis) 45

Yosef Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Ne Nuanom

1 Afei, na Yosef ne ho hwee a, ɛnyɛ yiye nʼasomfo no nyinaa anim. Enti ɔteɛɛ mu kyerɛɛ nʼasomfo no se, "Obiara mfi ha nkɔ." Enti bere a oyii ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom no, na asomfo no mu biara nni . 2 Osuu denneennen maa Misraimfo no tee, Farao fifo tee asɛm no.

3 Yosef ka kyerɛɛ ne nuabarimanom no se, "Mene Yosef! Mʼagya te ase ana?" Nanso asɛm no bɔɔ wɔn piriw ma wɔtotɔɔ mum nʼanim.

4 Yosef ka kyerɛɛ ne nuabarimanom no se, "Montwiw mmɛn me." Wotwiw bɛn no no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Mene mo nuabarima Yosef. Me na motɔn me ma wɔde me kɔɔ Misraim no. 5 Mommma biribiara nhaw mo. Na monnkasakasa so motɔn me ma wɔde me baa ha. Onyankopɔn na ɔyɛe. Ɔno na ɔsomaa me, dii mo anim baa ha mimmegye mo nkwa. 6 Mfe abien ni a ɔkɔm baa asase yi so. Mfe anum a ɛreba yi nso, obiara rennua, na obiara nso rentwa. 7 Onyankopɔn asoma me ha memma mo ne mo fifo ntena nkwa mu, na moayɛ ɔman kɛse.

8 "Enti ɛnyɛ mo na mode me baa ha, na ɛyɛ Onyankopɔn ankasa! Wayɛ me Farao fotufo ne ne fi sohwɛfo, na ɔde Misraiman nyinaa nso ahyɛ me nsa. 9 Afei, monka mo ho nkɔ mʼagya nkyɛn nkɔka nkyerɛ no se, Sɛnea wo babarima Yosef se ni, Onyankopɔn ayɛ me Misraiman nyinaa sohwɛfo. Enti ntwentwɛn wʼanan ase koraa, na bra Misraim! 10 Wobɛba abɛtena Gosen45.10 Na Gosen da Nil fam a na ɛyɛ asase pa. asase so, na woabɛn me. Fa wo mma, wo nananom, wo nguan ne wʼanantwi ne biribiara a wowɔ bra. 11 woba a, mɛhwɛ wo, efisɛ aka saa ɔkɔm kɛse yi mfe anum. anyɛ saa a, wo ne wo fifo ne wɔn a wɔka wo ho nyinaa bedi hia buruburoo.

12 "Mo ne me nua Benyamin nyinaa di adanse , ampa ara, ɛyɛ me Yosef na me ne morekasa yi. 13 Monka anuonyam a Onyame adom nti, wɔahyɛ me Misraim asase so ne biribiara a mo ankasa mode mo ani abehu no nyinaa ho asɛm nkyerɛ mʼagya. Monkɔfa mʼagya nsian mmrɛ me ntɛm."

14 Ɔyɛɛ Benyamin atuu, sui, a anigye ne awerɛhow adi afra. Benyamin nso fii ase sui. 15 Ofifew ne nuanom no nyinaa ano sui, na ɛno akyi no, wotumi ne no kasae.

Farao Hyia Yakob Ba Misraim

16 Bere a wɔtee Farao fi Yosef nuanom no aba no, Farao ne ne mpanyimfo a wɔka ne ho no nyinaa ani gyei. 17 Farao ka kyerɛɛ Yosef se, "Ka kyerɛ wo nuanom no se, wɔmfa nneɛma nsoasoa wɔn mmoa no, na wɔnkɔ Kanaan asase so, 18 na wɔnkɔfa wɔn agya ne wɔn abusuafo nyinaa mmra Misraim asase so ha mmɛtena ha. Ka kyerɛ wɔn se, Farao bɛma mo Misraim asase no fa a eye pa ara atena so. Wobedi asase no so nnepa!

19 "Ka kyerɛ wɔn se, Momfa nteaseɛnam mfi Misraim ha nkɔfa mo yerenom ne mo mma. Momfa mo agya nso nka ho mmra. 20 Monnhaw mo ho mo agyapade ho, efisɛ mede nnepa a ɛwɔ Misraim asase so nyinaa no bi bɛma mo.’ "

21 Enti Yosef maa wɔn nteaseɛnam ne nnuan a wobedi ɔkwan so, sɛnea Farao hyɛe no. 22 Ɔmaa ne nuanom no mu biara atade foforo, nanso Benyamin de, ɔmaa no ntade ahorow anum ne dwetɛ kilogram abiɛsa ne fa. 23 Saa nneɛma a edidi so yi nso na Yosef de kɔmaa nʼagya Israel: mfurumnini du a wɔahyehyɛ Misraim nneɛma pa wɔn so, mfurummmere du a wɔsoso aburow, brodo ne nnuan ahorow ne nʼakwansoduan. 24 Ogyaa ne nuanom no kwan, na akwannya no mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Monnkɔkasakasa ɔkwan so."

25 Enti wofii Misraimman mu kɔɔ wɔn agya Israel nkyɛn Kanaan asase so. 26 Wodui no, wɔde anigye bɔɔ wɔn agya amanneɛ se, "Yosef te ase! Nokwasɛm ni, ɔno na odi Misraiman nyinaa so!" Israel tee saa asɛm no, ne ho dwiriw no. Wannye anni. 27 Na bere a wɔkaa nsɛm a Yosef ka kyerɛɛ wɔn wɔmmɛka no wiee no, na ohuu nteaseɛnam a Yosef de somaa wɔmfa mmɛfa no no, wɔn agya Yakob ho san no. 28 Na Israel kae se, "Magye nsɛm no nyinaa adi. Me ba Yosef da so te ase. Mɛkɔ akohu no ansa na mawu."

Veja também