Pular para o conteúdo
Publicidade

Gênesis 46

Yakob Misraim

1 Enti Israel de nʼahode nyinaa sii mu koduu Beer-Seba. Ɔbɔɔ Onyankopɔn a na nʼagya Isak som no no afɔre .

2 Anadwo anisoadehu mu no, Onyankopɔn frɛɛ Yakob se, "Yakob! Yakob!"

Yakob gyee so se, "Me ni."

3 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, "Mene Onyankopɔn. Onyankopɔn a wʼagya som no. Nsuro wobɛkɔ Misraim, efisɛ mɛma wʼase adɔ ayɛ ɔman kɛse . 4 Mʼankasa ne wo bɛkɔ Misraim, na masan de wo aba ha. Edu bere a worebewu a, wubewu Yosef nsam."

5 Na Yakob sii mu fii Beer-Seba. Israelmma no de wɔn agya Yakob, wɔn yerenom ne wɔn mma tenatenaa nteaseɛnam a Farao soma ma wɔde bɛfaa wɔn no mu. 6 Wɔfaa wɔn mmoa ne wɔn agyapade a wɔanya Kanaan asase so no nyinaa kaa wɔn ho kɔɔ Misraim. Yakob ne nʼasefo nyinaa sii mu kɔɔ Misraim. 7 Israel de ne mmabarima, ne nenanom, ne mmabea ne wɔn mma a wɔn nyinaa nʼasefo kaa ne ho kɔɔ Misraim.

8 Din a edidi so yi Israelfo, Yakob asefo a ɔde wɔn kɔɔ Misraim.

Ruben Yakob abakan.

9 Ruben nso mmabarima din na edidi so yi:

Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.

10 Simeon nso mmabarima :

Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a ne na Kanaanni.

11 Lewi mmabarima din na edidi so yi:

Gerson, Kohat ne Merari.

12 Yuda nso mmabarima :

Er, Onan, Sela, Peres ne Serah. Nanso Er ne Onan de, wowuwuu Kanaan asase so ansa na Israel reba Misraim asase so.

Peres mmabarima :

Hesron ne Hamul.

13 Isakar mmabarima nso :

Tola, Puwa, Hiob ne Simron.

14 Sebulon mmabarima nso :

Sered, Elon ne Yakleel.

15 Wɔn a wɔabobɔ wɔn din yi Lea mma a ɔne Yakob woo Paddan-Aram a ne babea Dina nso ka ho. Saa mmabarima ne ne babea yi nyinaa dodow si nnipa aduasa abiɛsa.

16 Gad nso mma din na edidi so yi:

Sifion, Hagi, Suni, Esbon, Eri, Arodi ne Areli.

17 Aser nso mma din na edidi so yi:

Yimna, Isua, Isui ne Beria ne wɔn nuabea Sera.

Beria nso mma :

Heber ne Malkiel.

18 Eyinom nso ne Silpa, afenaa a Laban de no maa ne babea Lea a ɔno nso de no maa ne kunu Yakob waree no mma. Wɔn nyinaa dodow ano si nnipa dunsia.

19 Yakob yere Rahel mma :

Yosef ne Benyamin.

20 Yosef ne ne yere Asnat, a ɔyɛ Potifera a ɔyɛ On bosomfo babea woo Manase ne Efraim Misraim.

21 Benyamin nso mmabarima din na edidi so yi:

Bela, Beker, Asbel, Gera, Naaman, Ehi, Ros, Mupim, Hupim ne Ard.

22 Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi Rahel mmabarima a ɔne Yakob woe. Wɔn nyinaa dodow nnipa dunan.

23 Dan babarima

Husim.

24 Naftali nso mmabarima din na edidi so yi:

Yahseel, Guni, Yeser ne Silem.

25 Bilha a ɔyɛ Laban afenaa a ɔde no maa ne babea Rahel mmabarima a ɔne Yakob woo no na wɔabobɔ wɔn din yi. Na wɔn dodow nnipa baason.

26 Nnipa a Yakob de wɔn kɔɔ Misraim nyinaa, a wɔyɛ nʼasefo ankasa, a ne mmabarima yerenom nka ho dodow aduosia asia. 27 wɔde Yosef mmabarima baanu a ɔwoo wɔn Misraim no ka ho a, na Yakob asefo a ɔde wɔn kɔɔ Misraim no nyinaa dodow nnipa aduɔson.

Farao Yakob Atenase Gosen

28 Israel somaa Yuda ma odii kan kɔɔ Yosef kobisaa no Gosen kwan. Akyiri no, wokoduu Gosen. 29 Yosef siesiee ne nteaseɛnam ma wɔkɔɔ Gosen kohyiaa nʼagya Israel. Yosef duu nʼagya Yakob anim na ɔbam no, sui ara kwansin.

30 Israel ka kyerɛɛ Yosef se, "Ohu a mahu wo wote ase yi nti, owu bɛfa me nnɛ koraa a, mepɛ."

31 Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no ne nʼagya fifo no se, "Mɛkɔ akɔka akyerɛ Farao se, Me nuabarimanom ne mʼagya fifo a na anka wɔte Kanaan asase so nyinaa aba ha abɛka me ho. 32 Mmarima no nguanhwɛfo. Wɔhwɛ mmoa so. Na wɔde wɔn nguan ne wɔn anantwi ne biribiara a wɔwɔ aba.33 Farao frɛ mo, na obisa mo se, Adwuma bɛn na moyɛ a,34 momma no mmuae se, Wo nkoa ayɛn mmoa fi wɔn mmofraase, te nea yɛn agyanom yɛe no ara pɛpɛɛpɛ.moka saa kyerɛ no a, ɔbɛma mode Gosen ayɛ mo atenae, efisɛ Misraimfo kyi nguanhwɛfo kɔkɔɔkɔ."

Veja também