Yakob Hyira Farao
7 Afei, Yosef kɔfaa nʼagya Yakob de no bekyiaa Farao ma Yakob hyiraa no. 8 Farao bisaa Yakob se, "Woadi mfe ahe?"
9 Yakob buaa Farao se, "Madi mfe ɔha ne aduasa a ɔhaw ne abɛbrɛsɛ wɔ mu. Minnu mʼagyanom nkwanna a wɔde tenaa asase so no ho hwee." 10 Na Yakob hyiraa Farao, na ofii nʼanim kɔe.
11 Enti Yosef bɔɔ nʼagya ne ne nuanom no atenase wɔ Misraim asase so. Ɔmaa wɔn agyapade wɔ asase no fa baabi a eye pa ara wɔ Rameses mansin mu, sɛnea Farao hyɛe no. 12 Yosef maa nʼagya ne ne nuanom no aduan sɛnea wɔn mma dodow te.