4 "Nanso ɛnsɛ sɛ mowe aboa a wontwaa ne mene mmaa ne mogya no ngui no nam. 5 Na wo nkwa de, nea ɛbɛyɛ biara, mebisa ho akontaabu. Onipa a okum ne yɔnko nipa no, mebisa no ho asɛm. Mpo, aboa biara a obekum onipa no, mewɔ saa aboa no nso asɛmmisa. Mebisa onipa kra ho asɛm.
6 "Obiara a ohwie onipa mogya gu no,
onipa so na wɔnam behwie ɔno nso mogya agu,
efisɛ Onyankopɔn no ara sɛso na ɔbɔɔ onipa.