Pular para o conteúdo
Publicidade

Hebreus 1

Onyankopɔn Akasa

1 Mmere a atwa mu no, na Onyankopɔn nam akwan ahorow bebree so fa adiyifo so kasa kyerɛ yɛn mpanyimfo no. 2 Mmom, mmere a edi akyiri no de,1.2 Mmere a bɔhyɛ a wodii ho dwuma wɔ Apam Dedaw mu no baa mu. ɔnam ne Ba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔyɛ obi a Onyankopɔn nam ne so bɔɔ wiase. Na ɔno na Onyankopɔn ayi no awiei no, nneɛma nyinaa bɛyɛ ne de. 3 Ɔnam hyerɛn a Onyankopɔn anuonyam hyerɛn no so haran. Ɔyɛ Onyankopɔn sɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔde nʼasɛm a tumi mu no so wiase mu. Ɔtew nnipa ho fii wɔn bɔne mu wiei no, ɔtenaa Otumfo Nyankopɔn nifa so ɔsoro. 4 Ɛno nti ɔyɛɛ ɔkɛse sen abɔfo no, efisɛ din a Onyankopɔn de too no no kɛse sen wɔn de no.

5 Efisɛ Onyankopɔn nso anka ankyerɛ nʼabɔfo no mu biara se,

"Woyɛ me Ba;

nnɛ mayɛ wʼAgya."

Na wanka ankyerɛ ɔbɔfo biara se,

"Mɛyɛ wʼAgya na woayɛ me Ba."

6 Bere a Onyankopɔn pɛɛ ɔsoma nʼabakan no ba wiase no, ɔsan kae se,

"Ɛsɛ Onyankopɔn abɔfo nyinaa som no."

7 Asɛm a Onyankopɔn ka faa abɔfo no ho ne ,

"Onyankopɔn soma nʼabɔfo mframa,

na ɔsoma nʼasomfo gyaframa."

8 Nea ɛfa Ɔba no ho no, Onyankopɔn kae se,

"Ao, Onyankopɔn, wʼahengua bɛtena daa nyinaa;

wʼAhenni atɛntrenee.

9 Wodɔ trenee, na wukyi bɔne,

ɛno nti Onyankopɔn, wo Nyankopɔn no, de wo asi wo mfɛfo so,

na ɔde anigye ngo asra wo."

10 Onyankopɔn san kae se,

"Mfiase no wotoo asase fapem,

na ɔsoro wo nsa ano adwuma.

11 Ne nyinaa betwa mu; na wo de, wobɛtena daa;

wɔbɛtetew atade.

12 Wɔbɛbobɔw no ntama;

na wɔbɛsesa no ntade.

Nanso wote sɛnea wote,

na wo mfe to rentwa da."

13 Onyankopɔn anka ankyerɛ nʼabɔfo no se,

"Montena me nifa so

nkosi mede mo atamfo bɛyɛ

mo anan ase ntiaso."

14 saa a, na abɔfo no dɛn? Wɔn nyinaa ahonhom a wɔsom Onyankopɔn na ɔsoma wɔn ma wɔkɔboa wɔn a wɔrehwehwɛ nkwagye no.

Veja também