Pular para o conteúdo
Publicidade

Hebreus 4

Homebea Foforo

1 Afei esiane bɔhyɛ a ɛfa ne mu home ho no da so gyina nti, momma yɛnhwɛ yiye na mo mu bi antɔ sin mu. 2 Efisɛ wɔaka asɛmpa no akyerɛ yɛn sɛnea wɔka kyerɛ wɔn no. Nanso wɔammu asɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no, efisɛ wɔn a wotiee no no annye anni. 3 Na yɛn a yɛagye adi no nko ara na yɛkɔ saa ɔhome no mu4.3 Sɛnea wɔrewura Kanaan akogye ɔhome a gyidi wɔ mu no, saa ara na nkwagye no nso te.

sɛnea Onyankopɔn aka se, "Enti mifi mʼabufuw mu ka ntam se,

Wɔrenhyɛn asase a anka mede wɔn rekɔ so no mu da.’ "

Ɔkaa saa asɛm yi de, nanso efi bere a ɔbɔɔ wiase no, na wawie ɔhome dwumadi no dedaw. 4 Na Kyerɛwsɛm no mu baabi a wɔka biribi fa da a ɛto so ason no ho se, "Da a ɛto so ason no, Onyankopɔn home fii ne nnwuma nyinaa mu." 5 Wɔkaa saa asɛm koro yi ara bio se, "Wɔrenhyɛn asase a anka mede wɔn rekɔ so no mu da."

6 Wɔn a wodii kan tee Asɛmpa no annya saa ahome no, efisɛ wɔannye anni. Afoforo bi nso a wama wɔn kwan wonnya ɔhome no. 7 Enti Onyankopɔn aka se wayi da bi ato a wɔfrɛ no "Nnɛ." Mfe bebree akyi no, ɔnam Dawid so kaa Kyerɛwsɛm no mu se,

"Nnɛ, mote Onyankopɔn nne a

mummpirim mo koma."

8 Yosua dii nnipa no anim de wɔn kɔɔ Onyankopɔn home mu a, anka akyiri no Onyankopɔn anka da foforo ho asɛm. 9 Sɛnea ɛte no, ɔhome da so ma Onyankopɔn nkurɔfo, sɛnea Onyankopɔn homee da a ɛto so ason no. 10 Obiara a ɔbɛhome Onyankopɔn mu no bɛhome afi nʼankasa ne nnwuma mu, sɛnea Onyankopɔn home fii ne nnwuma mu no. 11 Enti momma yɛmmɔ yɛn ho mmɔden na yɛatumi akɔ Onyankopɔn home mu. Ɛnsɛ yɛn mu bi asoɔden sɛnea wɔyɛɛ asoɔden a enti wɔankɔ mu no.

12 Onyankopɔn asɛm4.12 Yesu na obeyii Onyankopɔn ho nokwasɛm adi (Asɛm Kronkron no. Yoh 1.1,14) nkwa, na ahoɔden mu. Ɛyɛ nnam sen afoa anofanu. Ehwirew mu kosi ɛpaapae honhom ne ɔkra, apɔw so ne hon mu. Ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo. 13 Biribiara nni a wɔde sie Onyankopɔn ma ɛyɛ yiye. Abɔde mu biribiara da nʼanim na ɔno na ɛsɛ yebu ho akontaa kyerɛ.

Yesu Yɛn Sɔfopanyin

14 Ɛno nti, momma yenso gyidi a yɛka ho asɛm no mu den. Efisɛ yɛwɔ Ɔsɔfopanyin kɛse Onyankopɔn anim. 15 Yenni Ɔsɔfopanyin bi a ontumi nhwɛ yɛn mmerɛwyɛ ho nhu yɛn mmɔbɔ. Yɛwɔ obi a wɔasɔ no ahwɛ akwan ahorow nyinaa so yɛn ara, nanso wanyɛ bɔne. 16 Momma yensi yɛn bo na yɛmmra4.16 Esiane sɛ Kristo, yɛn Sɔfopanyin ahyia sɔhwɛ nti, wasiesie ne ho sɛ, sɛ yehyia sɔhwɛ biara a, ɔde ahummɔbɔ bɛboa yɛn. (2.10) Onyankopɔn ahengua a adom mu no anim, na ɛno na ɛbɛma yɛanya ahummɔbɔ ne adom a ɛbɛboa yɛn bere a ɛsɛ mu.

Veja também