Pular para o conteúdo
Publicidade

João 20

Yesu Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Toma

24 Bere a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ asuafo no, na Toma a wɔfrɛ no Ata a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako no nni bi. 25 Bere a asuafo no ka kyerɛɛ no se, "Wɔahu Awurade no!"

Wannye anni ma ɔkae se, "manhu ne nsam ne ne mfem twa no na mamfa me nsa anka a, merennye nni da."

26 Asuafo no san hyiae nnaawɔtwe akyi a na Toma ka wɔn ho. Ɛwɔ mu na wɔatoto apon no mu de, nanso Yesu san baa , kyiaa wɔn bio se, "Asomdwoe nka mo!" 27 Afei Yesu frɛɛ Toma ka kyerɛɛ no se, "Fa wo nsa bɛka me nsam ne me mfem. Nnye akyinnye bio. Gye di!"

28 Toma de ahonu kae se, "Wo ne mʼAwurade ne me Nyankopɔn!"

29 Yesu ka kyerɛɛ no se, "Woahu me no nti, na woagye adi; nhyira nka wɔn a wonhuu me nanso wogye di."

Veja também