Pular para o conteúdo
Publicidade

Atemmufo 13

6 Ɔbea no de mmirika kɔɔ ne kunu nkyɛn kɔbɔɔ no amanneɛ , "Onyankopɔn nipa bi yii ne ho adi kyerɛɛ me. Na ɔte Onyankopɔn abɔfo no mu baako a ne ho hu yiye. Mammisa no baabi a ofi bae, na ɔno nso ammɔ ne din ankyerɛ me. 7 Nanso ɔka kyerɛɛ me se, Wubenyinsɛn na woawo ɔbabarima. Enti nnom bobesa anaa nsa a ano den na nni biribiara a ɛyɛ akyiwade. Na wo babarima no bɛyɛ obi a wɔayi no asi ama Onyankopɔn Nasareni fi awo mu kosi bere a obewu.’ "

8 Na Manoa bɔɔ Awurade mpae se, "Ao Awurade, mesrɛ wo, ma Onyankopɔn nipa no nsan mmra yɛn nkyɛn na ɔmmɛkyerɛ yɛn nhyehyɛe a ɛfa abarimaa a wɔbɛwo no no ho."

Veja também