Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 10

Mmaranimfo Bi Asɛmmisa

25 Mmaranimfo bi pɛɛ ɔsɔ Yesu hwɛ nti obisaa no se, "Kyerɛkyerɛfo, menyɛ dɛn na manya nkwa a enni awiei?"

26 Yesu nso bisaa no se, "Dɛn na wɔakyerɛw Mose mmara no mu? Na wote ase dɛn?"

27 Obuaa no se, "Mmara no ka se, Fa wo koma, ne wo kra, ne wʼahoɔden, ne wʼadwene nyinaa Awurade, wo Nyankopɔn, na wo yɔnko wo ho!’ "

28 Yesu ka kyerɛɛ no se, "Woabua no yiye. eyinom na wubenya nkwa."

29 Nanso ɔbarima no pɛɛ ɔkyerɛ odi mmara no nyinaa so nti, obisaa Yesu se, "Hena ne me yɔnko?"

Samariani A Ohuu Mmɔbɔ No

30 Yesu nso maa no mfatoho bi se, "Da bi, na ɔbarima bi retu kwan afi Yerusalem akɔ Yeriko. Na ɔnam ɔkwan so no, ɔkɔtɔɔ akwamukafo mu na wogyee ne ho nneɛma nyinaa, hwee no, pirapiraa no ma ɔtɔɔ beraw, gyaw no too ɔkwan kyɛn kɔe. 31 Ankyɛ biara, Yudani sɔfo bi bepuee ne so, nanso ɔman faa nkyɛn kɔe. 32 Saa ara nso na Lewini bi nso bepuee ne so man faa nkyɛn. 33 Ankyɛ biara na Samariani bi nso beduu . Ohuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ. 34 Ɔkɔkotow ne nkyɛn, hohoroo nʼapirakuru no anim, de aduru guguu mu, kyekyeree. Afei ɔmaa no so de no tenaa nʼafurum so dii aboa no nkyɛn de no kɔɔ ahɔhobea bi hwɛɛ no anadwo mu no nyinaa. 35 Ade kyee no ogyaw ahɔhobea sohwɛfo no sika a ɛbɛso no hwɛ ɔmfa nhwɛ no. Ɔsan hyɛɛ no se, Ka foforo biara a wobɛbɔ ne ho no, mɛba abetua.

36 "Afei saa nnipa baasa yi mu hena na ɔyɛɛ ne yɔnko?"

37 Mmaranimfo no buae se, "Nea ohuu opirafo no mmɔbɔ no."

Yesu ka kyerɛɛ no , "Wo nso, na kɔyɛ saa ara."

Veja também