Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 10

Asuafo Aduɔson No Soma

1 Eyi akyi no, Yesu yii nʼakyidifo no mu aduɔson somaa wɔn baanu baanu kɔɔ nkurow ne nkuraa a akyiri no ɔbɛkɔ no so. 2 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Otwa adwuma no dɔɔso, nanso adwumayɛfo no sua. Enti monsrɛ adwumawura no na ɔmma adwumayɛfo bebree mmra ne twa adwuma no mu. 3 Monkɔ, na meresoma mo nguan akɔ mpataku mu. 4 Mommfa sika, akwantu kotoku anaa mpaboa; na munnkyia obiara nso a mubehyia no ɔkwan so.

5 "mokɔ ofi biara mu a, munni kan nkyia ofie hɔfo no se, Asomdwoe nka mo! 6 Na asomdwoe ba bi a, mo asomdwoe bɛba ne so; na obi a ɔte saa nni a, mo asomdwoe bɛsan aba mo nkyɛn. 7 Ofi biara a mokɔ mu no, momma nyɛ mo atenae; aduan biara a wɔde bɛma mo no, munni efisɛ ɛsɛ odwumayɛni biara nya nʼadwumayɛ so akatua; munnni atutena afi mu.

8 "Na mokɔ kurow biara mu na wogye mo fɛw so a, aduan biara a wɔde bɛma mo no munni. 9 Monsa kurow no mu ayarefo yare, na monka nkyerɛ ɛhɔfo nyinaa se, Onyankopɔn ahenni no abɛn mo. 10 Nanso mokɔ kurow biara mu na wɔannye mo fɛw so a monkɔ ne mmɔnten so nkɔpae mu nka se, 11 Mo kurom ha mfutuma a ɛwɔ yɛn nan ase mpo, yɛreporoporow agu, de atia mo; na mmom munhu pefee , Onyankopɔn ahenni no abɛn. 12 Mereka akyerɛ mo se, saa kurow no, asɛm a ɛbɛto wɔn atemmuda no bɛsen nea ɛtoo Sodom no.

13 "Korasin, due! Betsaida, due! Anwonwade a meyɛɛ mo mu no, meyɛɛ Tiro ne Sidon a, anka ɛhɔfo no de awerɛhow ne ahonu asakra wɔn adwene dedaw. 14 Atemmuda no, asɛm a ɛbɛto wɔn no bɛsen nea ɛbɛto Tiro ne Sidon. 15 Na wo Kapernaum, wugye di wubenya ɔsoro anuonyam? Dabi da, wobɛkɔ asaman.

16 "Obiara a otie mo no tie me, na nea ɔpo mo no po me, na nea ɔpo me no nso po nea ɔsomaa me no."

Aduɔson No Amanneɛbɔ

17 Aduɔson no san de anigye ba bɛbɔɔ amanneɛ se, "Awurade, wo din nti ahonhommɔne mpo abrɛ wɔn ho ase ama yɛn."

18 Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Mihuu ɔbonsam retew afi ɔsoro anyinam abɛhwe fam. 19 Mama mo tumi ne ahoɔden a mode betiatia awɔ ne nkekantwɛre ne ɔtamfo no tumi biara a ɔwɔ so na biribiara nso rentumi mo. 20 Nanso mommma mo ani nnye ahonhommɔne brɛ wɔn ho ase ma mo, na mmom, momma mo ani nnye wɔakyerɛw mo din ɔsoro."

Yesu Aseda Mpae

21 Saa bere no ara mu na Yesu de Honhom Kronkron mu anigye bɔɔ mpae se, "Agya, ɔsoro ne asase wura, meda wo ase wode saa nneɛma yi ahintaw wɔn a wosusuw wɔyɛ anyansafo, na mmom woada nokware no adi akyerɛ wɔn a wɔde ahobrɛase gye wo di mmofra no. Nanso Agya, wo mu na woma ɛbaa saa.

22 "Mʼagya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim Ɔba no, gye Agya no. Saa ara nso na obiara nnim Agya no, gye Ɔba no ne wɔn a Ɔba no bɛda Agya no adi akyerɛ wɔn no."

23 Ɛkaa ɔne nʼasuafo no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Nhyira ne aniwa a ehu nea muhu! 24 Efisɛ adiyifo ne ahene pii pɛe anka wohu nea muhu yi na wɔte nea mote yi, nanso wɔanhu na wɔante."

Mmaranimfo Bi Asɛmmisa

25 Mmaranimfo bi pɛɛ ɔsɔ Yesu hwɛ nti obisaa no se, "Kyerɛkyerɛfo, menyɛ dɛn na manya nkwa a enni awiei?"

26 Yesu nso bisaa no se, "Dɛn na wɔakyerɛw Mose mmara no mu? Na wote ase dɛn?"

27 Obuaa no se, "Mmara no ka se, Fa wo koma, ne wo kra, ne wʼahoɔden, ne wʼadwene nyinaa Awurade, wo Nyankopɔn, na wo yɔnko wo ho!’ "

28 Yesu ka kyerɛɛ no se, "Woabua no yiye. eyinom na wubenya nkwa."

29 Nanso ɔbarima no pɛɛ ɔkyerɛ odi mmara no nyinaa so nti, obisaa Yesu se, "Hena ne me yɔnko?"

Samariani A Ohuu Mmɔbɔ No

30 Yesu nso maa no mfatoho bi se, "Da bi, na ɔbarima bi retu kwan afi Yerusalem akɔ Yeriko. Na ɔnam ɔkwan so no, ɔkɔtɔɔ akwamukafo mu na wogyee ne ho nneɛma nyinaa, hwee no, pirapiraa no ma ɔtɔɔ beraw, gyaw no too ɔkwan kyɛn kɔe. 31 Ankyɛ biara, Yudani sɔfo bi bepuee ne so, nanso ɔman faa nkyɛn kɔe. 32 Saa ara nso na Lewini bi nso bepuee ne so man faa nkyɛn. 33 Ankyɛ biara na Samariani bi nso beduu . Ohuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ. 34 Ɔkɔkotow ne nkyɛn, hohoroo nʼapirakuru no anim, de aduru guguu mu, kyekyeree. Afei ɔmaa no so de no tenaa nʼafurum so dii aboa no nkyɛn de no kɔɔ ahɔhobea bi hwɛɛ no anadwo mu no nyinaa. 35 Ade kyee no ogyaw ahɔhobea sohwɛfo no sika a ɛbɛso no hwɛ ɔmfa nhwɛ no. Ɔsan hyɛɛ no se, Ka foforo biara a wobɛbɔ ne ho no, mɛba abetua.

36 "Afei saa nnipa baasa yi mu hena na ɔyɛɛ ne yɔnko?"

37 Mmaranimfo no buae se, "Nea ohuu opirafo no mmɔbɔ no."

Yesu ka kyerɛɛ no , "Wo nso, na kɔyɛ saa ara."

Marta Ne Maria

38 Ɛbaa Yesu ne nʼasuafo rekɔ Yerusalem no, wokoduu akuraa bi ase. Woduu no, ɔbea bi a wɔfrɛ no Marta de no kɔɔ ne fi. 39 Marta nuabea bi a wɔfrɛ no Maria tenaa fam Yesu nkyɛn tiee no. 40 Saa bere no, Marta a nʼani abere reyɛ aduan no baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, "Awurade, mayɛ adwuma abrɛ, nti ka kyerɛ Maria na ommeso mu mma me."

41 Awurade buaa no se, "Marta, Marta, wudwinnwen haw wo ho nneɛma pii ho. 42 Ade baako na ehia; ɛno na Maria afa no; na wɔrennye mfi ne nsam."

Veja também