Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 8

Yesu Brɛ Ahum Ase

22 Da bi a Yesu ne nʼasuafo te ɔkorow mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Momma yentwa nkɔ asuogya nohɔ." Wosii mu a wɔrekɔ no, 23 Yesu dae. Saa bere no ara mu na ahum a ano den bi maa nsu bɛtaa ɔkorow no mu maa ɔkorow no yɛɛ ɛremem. Eyi maa asuafo no koma tuu yiye.

24 Asuafo no de hu ne nteɛteɛmu nyan no se, "Awurade, Awurade, yɛremem!"

Amono mu ara, Yesu sɔre teɛteɛɛ ahum a ano den ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.

25 Afei obisaa wɔn se, "Adɛn na munni gyidi?" Wɔn nyinaa suroe, de ahodwiriw bisabisaa wɔn ho wɔn ho se. "Onipa bɛn ni a mframa a ano den ne asorɔkye mpo tie no yi?"

Veja também