Pular para o conteúdo
Publicidade

Marcos 3

Yesu Na Ne Ne Nuanom

31 Ogu so rekyerɛkyerɛ no, ne na ne ne nuanom begyinaa nnipadɔm no mu baabi somaa obi se, ɔnkɔfrɛ no mmra, na wɔne no nkasa. 32 Saa bere no na nnipadɔm no atwa ne ho ahyia. Nnipa no ka kyerɛɛ Yesu se, "Wo na ne wo nuanom gyina afikyiri wɔne wo kasa."

33 Yesu bisaa wɔn se, "Hena ne me na? Hefo ne me nuanom?"

34 Ɔhwɛɛ nnipadɔm no hyia kae se, "Eyinom ne me na ne me nuanom! 35 Obiara a ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde no, ɔno ne me nuabarima ne me nuabea ne me na."

Veja também