Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 24

Asɔredansɛe Ho Nkɔmhyɛ Ne Awiei Mmere Nsɛnkyerɛnne

1 Yesu refi faako a asɔredan no si akɔ no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn pɛɛ wɔtwe nʼadwene adan ahorow a ɛwɔ asɔredan no mu no so. 2 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Wobedwiriw saa dan yi agu pasaa!"

Ɔhaw Ne Ɔtaa

3 Yesu kɔɔ Ngo Bepɔw no so. Ɔte no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn bebisaa no se, "Bere bɛn na nea woreka yi bɛba? Na nsɛnkyerɛnne bɛn na ɛbɛma yɛahu wo ba a wobɛsan aba bio no ne wiase awiei a ɛbɛba no?"

4 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Monhwɛ na obi annaadaa mo. 5 Nnipa bebree de me din bɛba abɛka se, wɔne Agyenkwa no, na wɔadaadaa mo mu pii. 6 mote wɔafi akodi ase a, ɛnkyerɛ me ba a mɛsan aba no ho nsɛnkyerɛnne. Ɛsɛ eyinom ba, nanso awiei no de, ennya mmae. 7 Aman bɛsɔre aman so, na ahenni asɔre ahenni so, na ɔkɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae. 8 Eyinom nyinaa bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfiase.

9 "moyɛ me de nti, wɔbɛyɛ mo ayayade, na wɔakunkum mo wiase afanan nyinaa, 10 na mo mu pii bɛsan akɔ bɔne mu, na moayiyi mo ho mo ho ama, na moatentan mo ho mo ho. 11 Atoro adiyifo bebree bɛsɔre, na wɔadaadaa mo mu pii. 12 Bɔne bɛdɔɔso wiase, na abrɛ nnipa a wɔwɔ no ase. 13 Nanso wɔn a wobegyina pintinn akodu awiei no, wobegye wɔn nkwa. 14 Na wɔbɛka asɛmpa a ɛfa Ahenni no ho no wiase mmaa nyinaa, na wɔate. Ɛno akyi ansa na awiei no bɛba."

Ahohia A Ɛyɛ Hu

15 "Enti muhu abusude a ɛde ɔsɛe baa Odiyifo Daniel kaa ho asɛm egyina kronkronbea no a, ma nea ɔkenkan no nte ase, 16 na wɔn a wɔte Yudea no nguan nkɔ Yuda mmepɔw so. 17 Mma obiara a ɔwɔ ne fi dan atifi no nsian nkɔfa biribiara mfi ne fi . 18 Wɔn a wɔwɔ mfuw so no nso nnsan wɔn akyi mmɛfa wɔn ntama. 19 Ɛbɛyɛ hu ama wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a woturu mma saa bere no mu! 20 Na mommɔ mpae na bere a ɛsɛ muguan no anyɛ awɔwbere anaa Homeda. 21 Efisɛ awerɛhowdi a ɛbɛba no, bi nsii wiase abakɔsɛm mu da, na bi nso rensi da.

22 "Nokware, wɔantwa saa nna no so a, ɛrenka obi. 23 obi ka kyerɛ mo se, Agyenkwa no ha anaasɛ ɔwɔ nohɔ anaa wayi ne ho adi ha anaa ɛhɔa, munnnye nni. 24 Atoro agyenkwanom ne atoro adiyifo bɛsɔre, na wɔayɛ anwonwade ahorow na ebetumi a, wɔadaadaa wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no mpo. 25 Monhwɛ yiye, efisɛ maka biribiara akyerɛ mo!

26 "Enti obi ka kyerɛ mo se, Agyenkwa no asan aba na ɔwɔ sare so a,monnhaw mo ho mobɛkɔ akɔhwehwɛ no. Anaasɛ nso wose, Ɔde ne ho asie baabi a,munnnye nni! 27 Na sɛnea anyinam twa fi apuei atɔe no, saa ara na Onipa Ba no reba a, ɛbɛyɛ ne no. 28 Na nea funu no, ɛhɔ na apete bɛboaboa wɔn ho ano.

29 "Saa mmere no awerɛhowdi no akyi

" owia beduru sum,

na ɔsram renhyerɛn;

na nsoromma befi wim atetew ahwe,

na wim abɔde behinhim.

30 "Afei Onipa Ba no ho nsɛnkyerɛnne bɛda adi ɔsoro. Na asase sofo nyinaa betwa agyaadwo bere a wobehu Onipa Ba no ɔde tumi ne anuonyam nam ɔsoro omununkum mu reba. 31 Na mɛsoma mʼabɔfo na wɔde torobɛnto a ano den aba abɛboaboa wɔn a mayi wɔn no ano fi ɔsoro ano akɔka asase ano.

32 "Afei munsua biribi mfi borɔdɔma dua no ho asɛm no mu. eyi mman foforo, san yi nhaban foforo a, na ɛkyerɛ asusow abɛn. 33 Saa ara nso na muhu saa nneɛma yi nyinaa afi ase resisi a, mubehu me ba a mɛsan aba no abɛn, adu ɔpon ano. 34 Nokware mise mo , awo ntoatoaso yi rentwa mu, gye saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa. 35 Ɔsoro ne asase betwa mu akɔ, nanso me nsɛm de, ɛbɛtena daa.

36 "Nanso da anaa dɔn ko a awiei no bɛba de, obiara nnim. Ɔsoro abɔfo ne Onyankopɔn Ba no mpo nnim. Agya no nko na onim. 37 Onipa Ba no ba a ɔbɛba no bɛyɛ sɛnea Noa bere so ɛyɛɛ no ara . 38 Na sɛnea nna a edi nsuyiri no anim no nnipa didii, na wɔnomee, warewaree, de kosii da a Noa kɔɔ hyɛn no mu, 39 na nnipa annye nea ɛbɛba anni, kosii nsuyiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no, saa ara na me ba a mɛsan aba no bɛyɛ. 40 Saa bere no, wɔbɛfa mmarima baanu a wɔreyɛ adwuma afum no mu baako akɔ, na wɔagyaw ɔbaako. 41 Saa ara nso na mmea baanu a wɔwɔ fie renoa aduan no nso, wɔbɛfa ɔbaako agyaw ɔbaako.

42 "Enti monwɛn, efisɛ munnim da ko a Awurade bɛba. 43 Sɛnea ofiwura nim bere a owifo bɛba a anka ɔbɛwɛn de abɔ ne ho ban afi akorɔmfo ho no, 44 saa ara na ɛsɛ musiesie mo ho, efisɛ Onipa Ba no bɛba bere a mo ani nna so ɔbɛba.

Akoa Pa Anaa Akoa Bɔne

45 "Hena ne ɔsomfo nokwafo nyansafo no, nea ne wura de ne fi mu asomfo ahyɛ ne nsa ɔmma wɔn aduan bere a ɛsɛ mu? 46 Nhyira ne ɔsomfo a ne wura no bɛba abɛto no wayɛ nʼadwuma pɛpɛɛpɛ. 47 Meka mo nokware se ɔde nea ɔwɔ nyinaa bɛhyɛ ne nsa na wahwɛ so! 48 Na ɔkɔyɛ ɔsomfo tirimuɔdenfo, na ɔka kyerɛ ne ho se, Me Wura nnya mmae, 49 na ofi ase boro ne mfɛfo nkoa, na ɔne akɔwensafo didi, bow nsa a, 50 Ɔsomfo no wura no bɛba da a nʼani nna so. 51 Ɔbɛtwe nʼaso dennen, na ɔde no akɔ baabi a wobu nyaatwomfo atɛn; ɛhɔ na osu ne setwɛre .

Veja também