Pular para o conteúdo
Publicidade

Isaías 40

Onyankopɔn Nkurɔfo Awerɛkyekye

1 Monkyekye, monkyekye me nkurɔfo werɛ.

Saa na mo Nyankopɔn se.

2 Monka asomdwoesɛm nkyerɛ Yerusalem,

na mompae mu nka nkyerɛ no se

ne som dennen no aba awiei,

wɔatua ne bɔne no so ka,

na wɔanya ne bɔne nyinaa so akatua mmɔho

afi Awurade nsam.

3 Nne bi reteɛ mu se,

"Munsiesie ɔkwan mma Awurade

nweatam no so.

Monteɛ ɔtempɔn sare no so

mma yɛn Nyankopɔn.

4 Obon biara bɛyɛ ma,

bepɔw ne nkoko nyinaa bɛkɔ fam,

asase a ɛyɛ abonkyiabonkyi no bɛyɛ tamaa,

na mmeae a ɛyɛ akɔntɔnkye no ayɛ tataw.

5 Na Awurade anuonyam bɛda adi,

na nnipa nyinaa behu.

Efisɛ Awurade na waka!"

6 Nne bi kae se, "Teɛ mu."

Na mekae se, "Menteɛ mu nka dɛn?"

"Nnipa nyinaa te sare,

na wɔn anuonyam nyinaa te afuw so nhwiren.

7 Sare hyew, na nhwiren twintwam

efisɛ Awurade ahomegu fa wɔn so.

Nokware, nnipa no sare.

8 Sare hyew, na nhwiren twintwam,

nanso yɛn Nyankopɔn asɛm no tim daa."

9 Wo a wode asɛm pa reba Sion,

foro bepɔw tenten bi so.

Wo a wode asɛm pa reba Yerusalem,

ma wo nne so na teɛ mu,

ma so, nsuro;

ka kyerɛ Yuda nkurow se,

"Mo Nyankopɔn ni!"

10 Hwɛ, Asafo Awurade de tumi reba,

na nʼabasa bedi hene ama no.

Hwɛ, nʼakatua ka ne ho,

na ɔde nʼabasobɔde nam.

11 Ɔhwɛ ne nguankuw oguanhwɛfo.

Ɔboa nguantenmma no nʼabasa so

oturu wɔn ne koko so;

na nguan a wɔwɔ mma no, ɔka wɔn brɛoo.

12 Hena na wasusuw obon mu nsu ne nsam

anaa ɔde ne nsateaa asusuw ɔsoro?

Hena na ɔde asase so mfutuma agu kɛntɛn mu,

anaa wakari mmepɔw nsania so

ne nkoko nsania apampaa so?

13 Hena na wate Awurade ase,

anaa wakyerɛkyerɛ no ne fotufo?

14 Hena na Awurade abisa no ɔnkyerɛ no biribi ase,

na hena na ɔkyerɛɛ no ɔkwan pa no?

Hena na ɔmaa no nimdeɛ

anaa ɔkyerɛɛ no nhumu kwan?

15 Ampa ara aman no te nsu sope bokiti mu;

wɔde wɔn toto mfutuma a egu nsania so ho;

ɔkari nsupɔw te sɛnea ɛyɛ mfutuma muhumuhu.

16 Lebanon nnɔɔso mma afɔremuka so gya,

na ne mmoa renso mma ɔhyew afɔrebɔde.

17 Aman nyinaa nsɛ hwee nʼanim;

obu wɔn adehunu bi

a wɔnka hwee.

18 Afei hena ho na wode Onyankopɔn bɛtoto?

Nsɛsode bɛn ho na wode no bɛto?

19 Ohoni de, odwumfo na ɔyɛ,

na sikadwumfo de sikakɔkɔɔ agu ho

na wasiesie dwetɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn ama no.

20 Ohiani a ɔrentumi mfa saa ayɛyɛde yi mma no

kɔhwehwɛ dua a ɛremporɔw.

Ɔhwehwɛ odwumfo nyansafo

na wayɛ ohoni a ɛremmunum nhwe fam asi .

21 Wunnim ana?

Wontee ana?

Wɔnnka nkyerɛɛ wo mfii mfiase no ana?

Efi bere a wɔbɔɔ asase no, wontee ase ana?

22 Ɔte ahengua so asase dantaban no atifi

ɛso nnipa te tɛwtɛw

ɔtwe ɔsoro mu te bamkyinii,

na ɔtrɛw mu ntamadan tena mu.

23 Ɔma ahemmea nnipahunu

na wiase yi sodifo nso, ɔbrɛ wɔn ase.

24 Wɔtɛw wɔn ara ,

woduaa wɔn ara ,

wogyee ntin asase mu ,

na wahome agu wɔn so ama wɔakisa,

na mframa abɔ wɔn te ntɛtɛ.

25 "Hena ho na wode me bɛto?

Anaasɛ hena na ɔne me ?" Ɔkronkronni no na ose.

26 Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro:

Hena na ɔbɔɔ eyinom nyinaa?

Nea oyiyi ɔsoro nsoromma mmaako mmaako,

na ɔbɔ obiara din frɛ no.

Nʼahoɔden ne ne tumi nti

wɔn mu baako mpo nyera.

27 Adɛn na wunwiinwii, Yakob,

na woka se, Israel,

"Mʼakwan ahintaw Awurade;

na me Nyankopɔn abɔ mʼasɛm agu"?

28 Wunnim ana?

Wontee ana?

Awurade daapem Nyankopɔn,

na ɔyɛ asase nyinaa yɛfo.

Ɔremmrɛ na ɔrentɔ beraw,

na ne nhumu nni nhwehwɛmu.

29 Ɔma nea watɔ beraw ahoɔden

nea wayɛ mmerɛw nso, ɔto nʼahoɔden so.

30 Mpo, mmabun brɛ, na wɔtɔ beraw,

na mmerante hintihintiw hwehwe ase;

31 Nanso, wɔn a wɔn ani da Awurade so

benya ahoɔden foforo.

Wɔde ntaban akɔre de betu akɔ wim;

wobetu mmirika, na wɔrentɔ beraw.

Wɔbɛnantew, na wɔrentɔ piti.

Veja também