Pular para o conteúdo
Publicidade

Zacarias 10

Awurade Bɛhwɛ Yudafo

1 Mummisa Awurade nsu asusowbere mu;

ɛyɛ Awurade na ɔyɛ osu ne mu ahum.

Ɔma osu ma nnipa nyinaa,

ne nnɔbae nso ma obiara.

2 Ahoni no ka nnaadaasɛm,

nkɔmhyɛfo nya anisoadehu a ɛyɛ atoro;

wɔde nkontomposɛm kyerɛ dae ase,

wɔma awerɛkyekye kwa.

Enti nnipa no nenam te nguan

a wonni ɔhwɛfo na wɔhyɛ wɔn so.

3 "Me bo afuw nguanhwɛfo no yiye,

na mɛtwe ntuanofo no aso.

Na Asafo Awurade bɛhwɛ

ne nguankuw a wɔyɛ Yudafi no,

na wayɛ wɔn anuonyam pɔnkɔ ɔsa mu.

4 Tweatibo befi Yuda mu,

na ntamadan pɛe befi ne mu,

ɔsa mu tadua befi Yuda mu,

na sodifo nyinaa nso saa ara.

5 Wɔbɛbɔ mu ayɛ dɔmmarima

a wotiatia mmorɔn so dontori mu ɔko mu.

Esiane Awurade ka wɔn ho no nti,

wɔbɛko na wɔadi apɔnkɔsotefo no so.

6 "Mɛhyɛ Yudafi den

na magye Yosefi no nkwa.

Mede wɔn besi wɔn dedaw mu

efisɛ me yam hyehye me wɔn ho.

Wɔbɛyɛ te nea

mempoo wɔn mpo,

na mene Awurade wɔn Nyankopɔn,

na megye wɔn so.

7 Efraimfo bɛyɛ dɔmmarima,

wɔn ani begye te nea wɔanom nsa.

Wɔn mma behu na wɔn ani begye;

wobedi ahurusi wɔn koma mu Awurade mu.

8 Mɛto nsa afrɛ wɔn

aboaboa wɔn ano.

Ampa ara megye wɔn bio;

wɔbɛdɔɔso kan no.

9 Ɛwɔ mu, mɛhwete wɔn mu akɔ aman so,

nanso wɔbɛkae me akyirikyiri nsase so.

Wɔne wɔn mma bɛtena nkwa mu,

na wɔbɛsan aba.

10 Mede wɔn befi Misraim aba

mɛboa wɔn ano afi Asiria.

Mede wɔn bɛba Gilead ne Lebanon,

na wɔrensen .

11 Wɔbɛfa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ po mu,

nanso wobedi po asorɔkye a ehuru no so.

Nil mu nsu nyinaa bɛyow.

Asiria ahomaso nso wɔbɛbrɛ no ase

na Misraim ahempema betwa mu akɔ.

12 Mɛhyɛ wɔn den Awurade mu

na ne din mu na wɔbɛnantew,"

sɛnea Awurade se ni.

Veja também