Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Korintofoɔ 12

Nipadua Korɔ

12 Kristo te nipadua baako a ɛwɔ akwaa bebree; ɛwom ɛwɔ akwaa bebree, nanso ɛyɛ onipadua korɔ no ara. 13 Wɔnam saa ɛkwan korɔ no ara so abɔ yɛn Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ ne nkoa ne yɛn a yɛde yɛn ho no asu. Wɔnam Honhom Kronkron korɔ no so abɔ yɛn asu ahyɛ saa onipadua korɔ no ara mu. Na wɔde saa Honhom Kronkron no ama yɛn yɛnnom. 14 Nipadua no ankasa nyɛ akwaa baako; ɛyɛ akwaa bebree.

15 nan ka , "Esiane menyɛ nsa enti, menka onipadua no ho" a, ɛnkyerɛ ɔnyɛ onipadua no fa bi. 16 Na aso ka , "Esiane menyɛ aniwa enti, menka onipadua no ho" a, ɛnkyerɛ ɔnyɛ onipadua no fa bi. 17 Na onipadua no nyinaa aniwa a, anka ɛbɛyɛ dɛn ate asɛm? Na ɛyɛ aso a anka ɛbɛyɛ dɛn ahua adeɛ? 18 Sɛdeɛ Onyankopɔn no no na ɔde akwaa biara siiɛ. 19 onipadua no nyinaa akwaa korɔ a, anka onipadua no bɛyɛ ɛdeɛn? 20 Sɛdeɛ ɛte no, akwaa gu ahodoɔ, nanso onipadua no baako .

21 Yei enti, aniwa ntumi nka nkyerɛ nsa , "wo ho nhia me!" Saa ara na etire rentumi nka nkyerɛ nan , "Wo ho nhia me!" 22 Saa ara na yɛrentumi nyɛ biribiara a akwaa a ɛyɛ mmerɛ no nka ho mma ɛnyɛ yie. 23 Akwaa a yɛsusu ɛnni mu pii no mmom na yɛhwɛ no yie, na deɛ ɛnyɛ onipadua ho no nso yɛhwɛ no yie pa ara. 24 Na akwaa a ɛdi mu no, saa ɔhwɛ no ho nhia no. Onyankopɔn ankasa nam ɛkwan bi so akeka onipadua no asisi animu de ahyɛ akwaa a wɔmmuo no animuonyam. 25 Enti nkyekyɛmu biara nni onipadua no mu. Akwaa no nyinaa keka wɔn ho wɔn ho bom. 26 akwaa baako ho ka a, akwaa a aka no nyinaa ho ka bi. Na wɔkamfo akwaa no bi a, anigyeɛ ka akwaa a aka no nyinaa.

27 Enti mo nyinaa moyɛ Kristo onipadua. Na mo mu biara nʼakwaa.

Veja também