Publicidade

2 Timóteo 2

Ma Kristo Ahoɔden Nhyɛ Wo Den

1 Na wo Timoteo, me ba, Kristo Yesu mmɔborɔhunufoɔ, enti ma ɔnhyɛ wo den. 2 Fa nsɛm a wotee mereka akyerɛ adansedifoɔ bebree no, na fa hyɛ nnipa a wogye wɔn di na wɔbɛtumi akyerɛ afoforɔ nso nsa. 3 amanehunu ba wo so a, mia wʼani tena Kristo Yesu sraani pa. 4 Ɔsraani mfa ne ho nhyehyɛ afisɛm mu, ɛfiri , ɔpɛ ɔsɔ ne panin ani. 5 Saa ara nso na obi a ɔfra akansie mu a ɔtu mmirika no rentumi nni nkonim gye ɔdi akansie no mmara so. 6 Okuafoɔ a wadɔ nʼafuo no, ɛsɛ ɔnya mu nnɔbaeɛ a ɛdi ɛkan no. 7 Dwene nsɛm a mereka yi ho ɛfiri , Awurade bɛma woate biribiara ase.

8 Kae Dawid aseni Yesu Kristo a wɔnyanee no firii awufoɔ mu sɛdeɛ wɔkaa no Asɛmpa a mekaa ho asɛm no mu no. 9 Esiane meka Asɛmpa no enti, mehunu amane, mpo, wɔagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ɔdebɔneyɛfoɔ. Nanso, Onyankopɔn asɛm no ngu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu; 10 na yei enti, biribiara a ɛbɛba me so no, ɛsiane Onyankopɔn nnipa a wayi wɔn no enti, megyina ano, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nso bɛnya nkwagyeɛ ne animuonyam a ɛnni awieeɛ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no.

11 Nsɛm a ɛsɛ wode wo ho to so nie:

"yɛne no wuiɛ a,

yɛne no bɛtena ase.

12 yɛampa aba a,

yɛne no bɛdi ɔhene.

yɛpa no a,

ɔno nso bɛpa yɛn.

13 yɛnnyɛ nokwafoɔ a,

ɔno deɛ, ɔyɛ ɔnokwafoɔ,

ɛfiri , ɔrensesa nʼasɛm."

Nnye Akyinnyehunu

14 Monkae mo nkurɔfoɔ yei ho na mommɔ wɔn kɔkɔ Onyame anim wɔnnni wɔn ho akasakasa. Ɛmfa asɛm pa mma. wɔyɛ saa a, ɛsɛe atiefoɔ no adwene. 15 mmɔden wobɛyɛ odwumayɛfoɔ a womfɛre Onyankopɔn adwuma no ho, na kyerɛ nokorɛ a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm no mu no, na woafata nʼanim. 16 Twe wo ho firi nsɛnhuhuo a ɛho nte ho ɛfiri , ɛno na ɛpam nnipa firi Onyankopɔn ho. 17 Deɛ wɔkyerɛ no te akusikuro a ɛdidi fa honam no ani. Saa akyerɛkyerɛfoɔ yi mu baanu ne Himeneo ne Fileto. 18 Wɔamane afiri nokorɛ no ho na wɔka kyerɛ agyidifoɔ bi , yɛn wusɔreɛ no atwam dada, na wɔnam saa asɛm no so sɛe wɔn adwene. 19 Nanso, obi rentumi nhinhim fapem denden a Onyankopɔn ato no, ɛfiri , wɔatwerɛ saa nsɛm yi so: "Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne deɛ," na "Obiara a ɔka ɔyɛ Awurade dea no, ɛsɛ ɔtwe ne ho firi bɔne ho."

20 Nkuku ne nkaka efi kɛseɛ mu. Ebi a wɔde dwetɛ na ayɛ, ebi nso wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ. Wɔde dua na ayɛ bi na afoforɔ nso wɔde dɔteɛ. Ebi a ɛwɔ ma nnapɔnna bi na afoforɔ nso daa wɔde di dwuma. 21 obi te ne ho firi saa nneɛma bɔne no ho a, wɔde no bɛyɛ nnwuma sononko ɛfiri , watu ne ho asi , asiesie ne ho ama ne wura dwuma pa biara a ɛsɛ ɔdi no, ɔbɛdi.

22 Dwane firi mmeranteberɛ mu akɔnnɔ, na ti nneɛma a ɛho teɛ te : tenenee, gyidie, ɔdɔ ne asomdwoeɛ a ɛka wo ne wɔn a wɔfiri akoma pa mu bom frɛ Awurade ma ɔboa no akyi. 23 Mfa wo ho nhyehyɛ nkwasea akyinnyeɛ a ɛmfa hwee mma no mu, ɛfiri , ɛde akasakasa ba. 24 Ɛnsɛ Awurade ɔsomfoɔ ne obi nya akasakasa. Ɛsɛ ɔyɛ ayamyɛ ma obiara. Ɛsɛ ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ pa a ɔwɔ boasetɔ nso 25 a wɔn a wɔne no di asie fom a, ɔto ne bo ase tene wɔn so, ebia, Onyankopɔn bɛsakyera wɔn adwene na wɔahunu nokorɛ no. 26 Na wɔn adwene mu ada na wɔadwane afiri ɔbonsam a wakyekyere wɔn ama wɔyɛ nʼapɛdeɛ no afidie mu.

Veja também

Publicidade
2 Timóteo
Ver todos os capítulos de 2 Timóteo
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-