Publicidade

Apocalipse 13

Mmoa Mmienu Bi

1 Afei, mehunuu aboa bi apue ɛpo no mu reba. Na ɔwɔ mmɛn edu ne tire nson a na ahenkyɛ hyehyɛ mmɛn no biara so na edin a ɛgu Onyankopɔn ho fi bobɔ etire no ho. 2 Aboa a mehunuu no no, na ɔte ɔsebɔ a ne nan te sisi, na nʼano nso te gyata. Ɔtweaseɛ no de ɔno ankasa ahoɔden ne nʼahennwa ne ne tumi nyinaa maa aboa no. 3 Mehunuu wɔapira ne tiri no baako a ayɛ wɔrentumi nkum kuro no, nanso na kuro no awu. Aboa no ho yɛɛ ewiasefoɔ nyinaa nwanwa, enti wɔtu dii nʼakyi. 4 Nnipa nyinaa somm ɔtweaseɛ no, ɛfiri , ɔde ne tumi nyinaa ama aboa no. Wɔsomm aboa no nso kaa , "Hwan na ɔte aboa no? Na hwan na ɔbɛtumi ne no ako?"

5 Wɔmaa aboa no kwan maa ɔkaa abususɛm akɛseakɛseɛ tiaa Onyankopɔn, na wɔmaa no tumi ɔnyɛ deɛ ɔpɛ biara abosome aduanan mmienu. 6 Ɔhyɛɛ aseɛ domee Onyankopɔn, ne din, baabi a ɔte ne wɔn a wɔte ɔsoro nyinaa. 7 Wɔmaa no ɛkwan ma ɔne Onyankopɔn nkurɔfoɔ koeɛ ɔbɛdi wɔn so. Na wɔmaa no aman ne mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu so tumi. 8 Nnipa a wɔte asase so nyinaa bɛsom no: obiara a wantwerɛ ne din anhyɛ ateasefoɔ nwoma a ɛwɔ Odwammaa a wɔkumm no no mu ansa na wɔrebɔ ewiase.

9 "Tie, wo a wowɔ aso, bɛtie.

10 "Obiara a ɛsɛ wɔkyere no no,

wɔbɛkyere no.

Obiara a ɛsɛ wɔkum no akofena ano no,

wɔbɛkum no."

Yei mu boasetɔ ne gyidie ho hia Onyankopɔn nkurɔfoɔ.

11 Afei, mehunuu aboa foforɔ a ɔrepue afiri asase mu. Na ɔwɔ mmɛn mmienu te nnwammaa, nanso na ɔkasa te ɔtweaseɛ no. 12 Ɔsii aboa a ɔdi ɛkan no ananmu de ne tumi kɛseɛ no dii dwuma, na ɔhyɛɛ asase ne ɛso nnipa wɔnsom deɛ nʼapirakuro no awu no. 13 Aboa a ɔtɔ so mmienu yi yɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ bebree. Ɔmaa ogya firi ɔsoro baa asase so nnipa nyinaa anim. 14 Na ɔnam anwanwadeɛ a wɔmaa no ho ɛkwan yɛeɛ aboa a ɔdi ɛkan no anim no so daadaa nnipa a wɔte asase so nyinaa. Aboa no ka kyerɛɛ ewiase nnipa nyinaa , wɔnsi ohoni mfa nhyɛ aboa a wɔde akofena piraa no nanso nʼapirakuro no awu na ɔte ase no animuonyam. 15 Wɔmaa aboa a ɔtɔ so mmienu no ɛkwan ma ɔhomee nkwa guu aboa a ɔdi ɛkan ohoni no mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ohoni no bɛtumi akasa, na wakum obiara a ɔnsom no no. 16 Aboa no hyɛɛ nnipa nyinaa, nketewa ne akɛseɛ; adefoɔ ne ahiafoɔ, nkoa ne wɔn a wɔde wɔn ho wɔnhyɛ wɔn nsa nifa ho ne wɔn moma so agyiraeɛ. 17 Obiara nni ho ɛkwan ɔtɔ anaa ɔtɔn, gye wɔde aboa no din anaa nsɛnkyerɛnneɛ a ɛgyina ma edin no hyɛ ne ho agyiraeɛ.

18 Yei hia ma nyansa. Obiara a ɔnim nyansa no bɛtumi ahunu nsɛnkyerɛnneɛ a ɛgyina ma aboa no ase, ɛfiri , nsɛnkyerɛnneɛ no gyina ma onipa edin. Ne nsɛnkyerɛnneɛ ahansia aduosia nsia.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-