Pular para o conteúdo
Publicidade

Apocalipse 15

Ɔyaredɔm

1 Mehunuu ade foforɔ bi a ɛso na ɛyɛ nwanwa ɔsoro. Na wɔyɛ abɔfoɔ baason a wɔkura ɔhaw nson a ɛno ne ɔhaw a ɛtwa toɔ, ɛfiri , ɛno na ɛkyerɛ Onyankopɔn abufuo a ɛtwa toɔ. 2 Afei, mehunuu biribi te ahwehwɛ ɛpo a wɔde ogya afra. Afei, mehunuu wɔn a wɔadi aboa no ne ne sɛso ohoni ne deɛ wɔde agyiraeɛ asi ne din anan mu no so nkonim. Na wɔgyinagyina ahwehwɛ ɛpo no ho a wɔkurakura asankuo a Onyankopɔn de ama wɔn no. 3 Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom ne Odwammaa no dwom ,

"Awurade, Otumfoɔ Onyankopɔn,

wo nnwuma akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa

Amansanhene

Wʼakwan tene na ɛyɛ nokorɛ.

4 Hwan na ɔnsuro wo, Awurade?

Hwan na ɔrenka wo kɛseyɛ?

Wo nko na woyɛ kronkron.

Aman nyinaa bɛba

abɛsom wʼanim,

ɛfiri , obiara ahunu wo tenenee nnwuma no."

5 Afei mehunuu asɔredan a ɛwɔ ɔsoro no Kronkron mu Kronkron no abue a adanseɛ ntomadan si mu. 6 Abɔfoɔ baason a wɔmaa wɔn tumi wɔmfa ɔhaw nson mmra no pue firii asɔredan no mu, a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa a wɔbobɔ sikakɔkɔɔ abɔsoɔ wɔn koko so. 7 Afei, ateasefoɔ baanan no mu baako maa abɔfoɔ baason no sikakɔkɔɔ nkuruwa nson a Onyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuo ahyɛ no ma. 8 Wisie a ɛfiri Onyankopɔn animuonyam ne ne tumi mu no hyɛɛ asɔredan no ma. Na obiara antumi ankɔ asɔredan no mu kɔsii ɔhaw nson a abɔfoɔ baason no de baeɛ no to twaeɛ.

Veja também