Pular para o conteúdo
Publicidade

Adiyisɛm 21

10 Honhom no faa me, na ɔbɔfoɔ no de me kɔɔ bepɔ tenten bi atifi. Ɔkyerɛɛ me Yerusalem, Kuro Kronkron a ɛfiri ɔsoro, Onyankopɔn , resiane aba fam. 11 Ɛhyerɛn Onyankopɔn animuonyam mu, na ne hyerɛn no te aboɔdenboɔ a ɛsɛ ahwehwɛboɔ a ani te ahwehwɛ. 12 Na ne ɔfasuo no ahoɔden na ɛware yie nso. Apono dumienu gu ano a, abɔfoɔ dumienu na wɔhwɛ so. Na ɛpono biara so no wɔatwerɛ Israel mmusuakuo dumienu no mu baako din. 13 Apono mmiɛnsa apueeɛ; mmiɛnsa anafoɔ; mmiɛnsa atifi ɛnna mmiɛnsa atɔeɛ. 14 Wɔsii kuro no afasuo sii aboɔ dumienu a wɔatwerɛ Odwammaa no asomafoɔ dumienu no din so no so.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também