Nsɔano
1 Afei, mehunuu sɛ Odwammaa no ate nsɔano nson no mu deɛ ɛdi ɛkan ano, na metee sɛ ateasefoɔ baanan no mu baako de nne a ɛte sɛ aprannaa reka sɛ, "Bra!" 2 Mehwɛeɛ, na mehunuu ɔpɔnkɔ fitaa bi wɔ hɔ. Na deɛ ɔte ne so no kura agyan na wɔmaa no ahenkyɛ. Ɔkɔeɛ sɛ nkonimdifoɔ kɔdii nkonim.