Publicidade

Apocalipse 6

Nsɔano

1 Afei, mehunuu Odwammaa no ate nsɔano nson no mu deɛ ɛdi ɛkan ano, na metee ateasefoɔ baanan no mu baako de nne a ɛte aprannaa reka , "Bra!" 2 Mehwɛeɛ, na mehunuu ɔpɔnkɔ fitaa bi . Na deɛ ɔte ne so no kura agyan na wɔmaa no ahenkyɛ. Ɔkɔeɛ nkonimdifoɔ kɔdii nkonim.

3 Afei, Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so mmienu no ano, na metee ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmienu no reka , "Bra!" 4 Ɔpɔnkɔ foforɔ a ɔyɛ kɔkɔɔ baeɛ. Wɔmaa deɛ ɔte ne so no tumi ɔmfa ɔko mmra asase so na nnipa nkunkum wɔn ho. Wɔmaa no akofena kɛseɛ bi.

5 Afei, Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so mmiɛnsa no ano, na metee ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no reka , "Bra!" Mehwɛeɛ, na mehunuu ɔpɔnkɔ tuntum bi . Ne kafoɔ no kura nsania mmienu. 6 Metee biribi te nne bi firi ateasefoɔ baanan no nkyɛn. Na nne no se, "Ayuo susukora ɛda koro akatua, ɛnna aburoo susukora mmiɛnsa nso ɛda koro akatua. Nanso, nsɛe nsrango no ne bobesa no!"

7 Afei, Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so nan no ano na metee ɔteasefoɔ a ɔtɔ so nan no reka , "Bra!" 8 Mehwɛeɛ na mehunuu ɔpɔnkɔ nsonso bi. Wɔtoo ne sotefoɔ no din "Owuo", na Asaman di nʼakyi pɛɛ. Wɔmaa no asase nkyɛmu nan mu baako so tumi ɔmfa ɔko, ɔkɔm, yadeɛ ne nkekaboa a wɔwɔ asase so nkunkum wɔn.

9 Afei Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so enum no ano. Mehunuu afɔrebukyia bi, na aseɛ na wɔn a wɔkumm wɔn asɛnka no ho na wɔde gyidie dii adanseɛ no akra . 10 Wɔde nne a ano den kaa , "Otumfoɔ Awurade, Ɔkronkronni ne Nokwafoɔ! Woretwɛn akɔsi da bɛn ansa na wɔabu nnipa a wɔwɔ asase so atɛn, na wɔatwe wɔn aso wɔkunkum yɛn?" 11 Wɔmaa wɔn mu biara atadeɛ fitaa, na wɔka kyerɛɛ wɔn wɔntwɛn kakra kɔsi wɔbɛkum wɔn nuanom asomfoɔ abɛka wɔn ho.

12 Na mehunuu Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so nsia no ano. Na asasewosoɔ a ano den baeɛ maa owia yɛɛ tumm ayitoma, na ɔsrane yɛɛ kɔɔ mogya. 13 Na nsoromma tete firii soro bɛhwee asase so te deɛ mframa a ano den borɔdɔma bunu ma ɛtete gu fam . 14 Ɔsoro yeraeɛ te nwoma a wɔabobɔ, na mmepɔ ne nsupɔ firii wɔn atenaeɛ.

15 Na asase so ahemfo ne nnipa akɛseɛ ne asafohene ne adefoɔ ne ahoɔdenfoɔ ne nkoa ne adehyeɛ nyinaa hintahintaa abodan ne mmepɔ mu abotan mu. 16 Na wɔka kyerɛɛ mmepɔ no ne abotan no , "Monkata yɛn so na momfa yɛn nsie, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, deɛ ɔte ahennwa no so no ani renhunu yɛn, na yɛmfiri Odwammaa no abufuo ano. 17 Wɔn abufuo no ɛda kɛseɛ aduru, na hwan na ɔbɛtumi agyina ano?"

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-