Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom Mu Dwom 3

1 Anadwo mu nyinaa, me mpa so

mehwehwɛɛ deɛ mʼakoma da no so;

mehwehwɛɛ no, nanso manhunu no.

2 Mɛsɔre afei na makɔ kyinkyini kuropɔn no mu,

ne mmɔntene so ne nʼadwabirem;

na mahwehwɛ deɛ mʼakoma da no so.

Enti mehwehwɛɛ no nanso manhunu no.

3 Awɛmfoɔ no hunuu me

ɛberɛ a wɔrebɔ aprɔ kuropɔn no mu.

"Moahunu deɛ mʼakoma da no so no anaa?"

4 Mereyɛ atwa wɔn ho

na mehunuu deɛ mʼakoma da no so no.

Mesɔɔ ne nsa meremma no nkɔ

kɔsii mede no baa me maame fie,

de no kɔɔ deɛ ɔnyinsɛnee me dan mu.

5 Yerusalem mmammaa mehyɛ mo ,

Momfa wiram atwewa ne ɔforoteɛ nsuae

morennyane na morenhwanyane ɔdɔ mu

kɔsi ɛberɛ a ɛsɛ mu.

6 Hwan na ɔfiri ɛserɛ so reba

te wisie kumɔnn a

ɛfiri kurobo, aduhwam

ne adwadifoɔ pɛprɛ ahodoɔ mu, atutu ne ho yi?

7 Monhwɛ, ɛyɛ Salomo teaseɛnam a

akofoɔ aduosia no kyidɔm;

adeɛ a ɛwɔ animuonyam pa ara Israel,

8 Wɔn nyinaa bobɔ akofena,

wɔn nyinaa akodie ho nyansa.

Wɔn akofena bobɔ wɔn nkyɛn mu,

na obiara asiesie ne ho ama deɛ ɛbɛsi anadwo a ɛyɛ hu biara.

9 Ɔhene Salomo yɛɛ teaseɛnam no maa ne ho;

ɔde Lebanon nnua na ɛyɛeɛ.

10 Ɔde dwetɛ na ɛyɛɛ nʼadum,

ɔde sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ ne nnyinasoɔ.

Wɔde beredum ntoma na ɛduraa emu nkonnwa ho.

Emu nsiesie ahomeka

na Yerusalem mmammaa na wɔyɛeɛ. 11 Momfiri adi, mo Sion mmammaa,

mommɛhwɛ ɔhene Salomo ɔhyɛ ahenkyɛ

deɛ ne maame de hyɛɛ no nʼayeforɔhyia da no,

da a ɔdii ahurisie nʼakoma mu no.

Veja também