Publicidade

Eclesiastes 11

Burodo A Ɛwɔ Nsuo Ani

1 To wo burodo gu nsuo ani,

na daakye bi wo nsa bɛka bio.

2 Kyekyɛ mu ma nnipa baason, mpo nnipa baawɔtwe,

ɛfiri , wonnim amanehunu a ɛbɛba asase no so.

3 omununkum mu nsuo a,

ɛtɔ gu asase so.

dua bi bu hwe anafoɔ fam anaa atifi fam a,

deɛ ɛhweeɛ no, ɛhɔ ara na ɛbɛda.

4 Obiara a ɔtwɛn ewiem nsakraeɛ no rennua,

na deɛ ɔhwɛ omununkum no nso rentwa.

5 Sɛdeɛ wonhunu ɛkwan a mframa nam soɔ,

anaa sɛdeɛ wɔnwono onipadua yafunu mu no,

saa ara na worentumi nte Onyankopɔn nnwuma ase.

Adeɛ nyinaa Yɛfoɔ no.

6 Dua wʼaba anɔpa,

na anwummerɛ nso ma wo nsa nna ho,

na wonnim deɛ ɛbɛyɛ yie,

yei anaa yei

anaasɛ ebia mmienu no nyinaa bɛyɛ yie.

Kae Wo Ɔbɔfoɔ Wo Mmeranteɛ Ɛberɛ Mu

7 Hann ;

na ɛyɛ aniwa ɔhunu owia.

8 Mfeɛ dodoɔ a onipa bɛtena nkwa yi mu nyinaa

ɛsɛ ɔnya ahotɔ.

Nanso ɛsɛ ɔkae nnabɔne

na ɛbɛdɔɔso.

Biribiara a ɛbɛba no ahuhudeɛ.

9 Ma wʼani nnye, aberanteɛ, ɛberɛ a woyɛ ɔbabunu,

ma wʼakoma mma wo anigyeɛ wo mmeranteberɛ mu.

Di deɛ wʼakoma

ne deɛ wʼaniwa hunu akyi,

nanso hunu yeinom nyinaa ho

Onyankopɔn de wo bɛba atemmuo mu.

10 Enti yi adwendwene biara firi wʼakoma mu

na to ɔhaw biara a ɛwɔ wo mu no gu,

ɛfiri mmeranteyɛ ne ahoɔden ahuhudeɛ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-