Publicidade

Eclesiastes 3

Biribiara Ne Ɛberɛ

1 Biribiara ne berɛ,

na dwumadie biara a ɛwɔ ɔsoro ase ne berɛ.

2 Awoɔ ne berɛ, na owuo ne berɛ,

ogu ne berɛ, na otwa nso ne berɛ,

3 ɔkum ne berɛ, na ayaresa ne berɛ,

ɔbubu ne berɛ, na ɔsi nso ne berɛ,

4 agyaadwotwa ne berɛ, na ɔsereɛ nso ne berɛ,

awerɛhoɔ ne berɛ, na asa ne berɛ,

5 aboɔ hweteɛ ne berɛ, na aboɔ anoboa ne berɛ,

akwaaba ne berɛ, na nanteyie ne berɛ,

6 adehwehwɛ ne berɛ, na adehwereɛ ne berɛ,

adekora ne berɛ, na adetoguo ne berɛ,

7 adeɛ mu sunsuane ne berɛ, na ne pempam ne berɛ,

kommyɛ ne berɛ, na kasa ne berɛ,

8 ɔdɔ ne berɛ, na ɔtan ne berɛ,

ɔko ne berɛ, na asomdwoeɛ ne berɛ.

9 Mfasoɔ bɛn na odwumayɛfoɔ nya firi nʼadwumaden mu? 10 Mahunu adesoa a Onyankopɔn de ato nnipa so. 11 Wayɛ biribiara fɛfɛ ne berɛ mu. Ɔde nkwa a ɛnsa da ahyɛ nnipa akoma mu, nanso wɔntumi nte deɛ Onyankopɔn ayɛ firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no ase. 12 Menim biribiara nni a ɛyɛ ma nnipa kyɛn wɔbɛgye wɔn ani na wayɛ deɛ ɛyɛ ɛberɛ a wɔte ase. 13 obiara bɛdidi na wanom na wanya anigyeɛ ne dwumadie nyinaa mu, yei ne Onyankopɔn akyɛdeɛ. 14 Menim biribiara a Onyankopɔn no bɛtena daa, wɔrentumi mfa biribi nka ho na wɔrentumi nyi biribi mfiri mu. Onyankopɔn yei sɛdeɛ nnipa de anidie bɛma no.

15 Biribiara a ɛwɔ ɛnnɛ no, aba pɛn,

na deɛ ɛbɛba no nso aba dada;

na Onyankopɔn bɛfrɛ deɛ asi dada no ama akontabuo.

16 Na mehunuu biribi foforɔ owia yi ase :

Amumuyɛsɛm deɛ atemmuo ,

atɛnteneneebea no, amumuyɛsɛm .

17 Medwenee mʼakomam ,

"Onyankopɔn bɛbu

teneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ nyinaa atɛn,

ɛfiri adwuma biara bɛnya ne berɛ,

adeyɛ biara ne ne berɛ."

18 Afei medwenee , "Nnipa deɛ, Onyankopɔn wɔn hwɛ ma wɔhunu wɔte mmoa. 19 Onipa hyɛberɛ te mmoa deɛ, na ɛda ma wɔn nyinaa. Sɛdeɛ ɔbaako wuo no, saa ara na ɔfoforɔ nso wuo. Wɔn nyinaa ahomeɛ baako; onipa nni biribi a ɔde kyɛn aboa. Biribiara ahuhudeɛ. 20 Wɔn nyinaa faako; wɔn nyinaa firi dɔteɛ mu na wɔsane dɔteɛ mu. 21 Hwan na ɔnim onipa honhom foro soro, na aboa deɛ siane asase mu anaa?"

22 Enti mehunuu biribiara nni a ɛyɛ ma onipa kyɛn nʼani bɛka nʼadwuma ho, ɛfiri ɛno ne ne kyɛfa. Na hwan na ɔbɛtumi de no asane aba ɔmmɛhwɛ deɛ ɛbɛsi ne wuo nʼakyi?

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-