Publicidade

Eclesiastes 7

Nimdeɛ

1 Edin pa sene aduhwam papa,

na owuda sene awoda.

2 Ɛyɛ obi bɛkɔ ayie ase

sene ɔbɛkɔ apontoɔ ase,

ɛfiri owuo onipa biara hyɛberɛ

na ɛsɛ ateasefoɔ hyɛ yei nso.

3 Awerɛhoɔ sene ɔsereɛ,

ɛfiri , anim a ayɛ mmɔbɔ mmɔbɔ de akoma mu nsiesie pa ba.

4 Onyansafoɔ akoma ayie ase,

nanso nkwaseafoɔ akoma ahosɛpɛfoɔ fie.

5 Ɛyɛ wɔbɛtie onyansafoɔ animka

sene wɔbɛtie nkwaseafoɔ dwom.

6 Sɛdeɛ nkasɛɛ turituri ɛsɛn ase no

saa ara na nkwaseafoɔ sereɛ teɛ.

Yei nso ahuhudeɛ.

7 Nsisie ma onyansafoɔ dane ɔkwasea,

na kɛtɛasehyɛ sɛe akoma.

8 Asɛm awieeɛ sene ne ahyɛaseɛ,

na ntoboaseɛ sene ahantan.

9 Mma wʼakoma nsɔre ntɛm ntɛm

na abufuo da wo nso ɔkwasea.

10 Ɛnka , "Adɛn enti na tete nna no sene ɛnnɛ mmerɛ yi?"

Onyansafoɔ mmisa nsɛm sei.

11 Nimdeɛ, agyapadeɛ no, adepa.

Ɛho mfasoɔ ma wɔn a wɔhunu owia.

12 Sɛdeɛ nimdeɛ banbɔ no

saa ara na sika nso teɛ,

nanso nhunumu ho adeɛ a ɛyɛ ne :

deɛ ɔwɔ nimdeɛ no ne nkwa ho ban.

13 Dwene deɛ Onyankopɔn ayɛ ho:

Hwan na ɔbɛtumi atene

deɛ wayɛ ama akyea?

14 Mmere pa mu, ma wʼani nnye;

nanso mmere bɔne mu, hunu

Onyankopɔn na wayɛ ne nyinaa.

Ɛno enti onipa ntumi nhunu

deɛ ɛbɛto no daakye.

15 Me nkwa nna a ɛyɛ ahuhudeɛ yi mu, mahunu nneɛma mmienu:

Ɔteneneeni a ɔwu ne tenenee mu,

ne omumuyɛfoɔ a ɔtena ase kyɛ nʼamumuyɛ mu.

16 Ɛnyɛ wo ho ɔteneneeni ntra so,

na ɛnyɛ wo ho onyansafoɔ mmoro so,

adɛn enti na wosɛe wo ho?

17 Ɛnyɛ omumuyɛfoɔ ntra so,

na ɛnyɛ ɔkwasea nso,

adɛn enti na ɛsɛ wowu ansa na wo berɛ aso?

18 Ɛyɛ wobɛsɔ baako mu

nanso nnyaa deɛ aka no mu.

Onipa a ɔsuro Onyankopɔn no bɛsi adeyɛ mmorosoɔ biara ano.

19 Nimdeɛ ma onyansafoɔ baako tumi bebree

sene kuropɔn mu sodifoɔ edu.

20 Onipa teneneeni biara nni asase so a

ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne da.

21 Mfa deɛ nnipa ka nyinaa nyɛ asɛm,

anyɛ saa a, wobɛte wo ɔsomfoɔ redome wo,

22 na wonim wʼakoma ,

wo nso woadome nkurɔfoɔ mpɛn bebree.

23 Mede nimdeɛ asɔ yeinom nyinaa ahwɛ, na mekaa ,

"Masi mʼadwene pi mɛyɛ onyansafoɔ"

nanso na yei boro me so.

24 Sɛdeɛ nimdeɛ teɛ biara,

ɛwɔ akyiri, na emu ,

hwan na ɔbɛtumi ahwehwɛ ahunu?

25 Afei meyɛɛ mʼadwene mɛte aseɛ,

ayɛ nhwehwɛmu na mapɛɛpɛɛ nimdeɛ ne sɛdeɛ nneɛma nhyehyɛeɛ teɛ

na mate amumuyɛ mu agyimisɛm ase

ne nkwaseasɛm mu abɔdamsɛm nso.

26 Mahunu deɛ ɛyɛ nwono sene owuo

ɔbaa a ɔyɛ afidie;

nʼakoma nnaadaa

na ne nsa mpɔkyerɛ.

Onipa a ɔsɔ Onyankopɔn ani no renkɔ ne ho

nanso ɔbɔnefoɔ deɛ, ɔbɛtɔ nʼafidie mu.

27 Ɔsɛnkafoɔ no , "Hwɛ yei ne deɛ mahwehwɛ ahunu:

"Mekekaa nneɛma bobɔɔ so pɛɛ mehunu sɛdeɛ nneɛma nhyehyɛeɛ teɛ.

28 Mereyɛ nhwehwɛ mu

na menhunu hwee no,

mehunuu ɔbarima teneneeni baako mmarima apem mu,

nanso manhunu ɔbaa teneneeni biara wɔn mu.

29 Yei nko ara na mahunu:

Onyankopɔn yɛɛ adasamma teneneefoɔ,

nanso nnipa adane wɔn ho hwehwɛ nhyehyɛeɛ foforɔ."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-04_23-13-58-